弥迦书 7 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

弥迦书 7:1-20

以色列的败坏

1我真悲惨!

就像夏天的果子已被收尽,

葡萄已被摘净,

找不到一串可吃的,

寻不见我心中渴望的初熟无花果。

2虔敬人已从大地上灭绝,

世间再没有正直人。

人人伺机杀人流血,

用网罗猎取自己的弟兄。

3他们善于作恶。

领袖和审判官索要贿赂,

显贵袒露心中的恶欲,朋比为奸。

4他们当中最好的不过是蒺藜,

最正直的也不过是荆棘篱笆。

你们的守望者所说的日子,

就是你们受惩罚的日子已经来到。

你们必惊慌失措。

5不要相信邻居,

不要信赖朋友,

即使对你怀中的妻子也要守口如瓶。

6因为儿子藐视父亲,

女儿与母亲作对,

媳妇与婆婆作对;

家人之间反目成仇。

7至于我,

我要仰望耶和华,

等候拯救我的上帝;

我的上帝必垂听我的祈求。

8我的仇敌啊,

你们不要对我幸灾乐祸!

我虽跌倒,但必再爬起来;

我虽坐在黑暗里,

但耶和华必做我的光。

9我得罪了耶和华,

所以要忍受祂的惩罚,

直到祂为我辩护,替我申冤。

祂必领我进入光明,

我必亲睹祂的公义。

10从前嘲笑我说“你的上帝耶和华在哪里”的仇敌看见这事,

都必满面羞愧。

我必亲眼看见他们遭到报应,

他们要像街上的泥土一样被人践踏。

11以色列啊,

终有一日你会重建自己的城墙。

到那日,你必扩张自己的疆域。

12那日,从亚述埃及的各城,

埃及幼发拉底河,

从天涯到海角7:12 从天涯到海角”希伯来文是“从海到海,从山到山”。

人们都要到你这里来。

13然而,大地要因地上居民的罪恶而荒凉。

14耶和华啊,

求你用你的杖牧放属于你的羊群,

就是你的子民。

他们独自居住在丛林中,

住在肥沃的田园间。

愿他们像从前一样在巴珊基列吃草。

15耶和华说:

“我要向他们显出神迹奇事,

就像他们离开埃及时一样。”

16列国看见这一切,

都必因自己势力衰微而羞愧,

都必用手捂口,耳朵变聋。

17他们要像蛇一样舔土,

又如地上的爬虫,

战战兢兢地走出营寨;

他们必畏惧我们的上帝耶和华,

他们必对你充满恐惧。

18有何神明像你一样赦免罪恶,

饶恕你幸存子民的过犯?

你不会永远发怒,

因为你乐于施恩。

19你必再怜悯我们,

将我们的罪恶践踏在脚下,

把我们的一切过犯抛进深海。

20你必按古时给我们列祖的誓言,

以信实待雅各

以慈爱待亚伯拉罕

Asante Twi Contemporary Bible

Mika 7:1-20

Israel Ahohia

1Mayɛ mmɔbɔ!

Mete sɛ aduaba tefoɔ a

otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu;

mennya bobe siaw na madi,

borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.

2Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.

Anka ɔbaako a ɔtene mpo.

Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;

wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.

3Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;

sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,

ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,

wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,

wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.

4Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;

deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.

Wʼatɛmmuda no aso,

ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.

Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

5Nnye obiara nni;

mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.

Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no

to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.

6Ɔbabarima twiri nʼagya,

Ɔbabaa sɔre tia ne maame,

asebaa nso tia nʼase

na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.

7Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,

Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;

na me Onyankopɔn bɛtie me.

Israel Bɛsɔre

8Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!

Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.

Esum aduru me deɛ,

nanso Awurade bɛyɛ me hann.

9Sɛ mayɛ bɔne atia no enti,

Awurade abufuo bɛba me so,

kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me

na wada me bembuo adi.

Ɔde me bɛba hann no mu;

na mɛhunu ne tenenee.

10Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu

na wɔn ani bɛwu,

deɛ ɔsee me sɛ,

“Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”

Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;

mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so

te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

11Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,

ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

12Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn

firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,

mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate

afiri ɛpo akɔsi ɛpo

ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.

13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so

ne wɔn nneyɛɛ enti.

Mpaeɛbɔ Ne Nkamfoɔ

14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,

nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,

a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu

wira frɔmfrɔm adidibea hɔ.

Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead

sɛ tete nna no mu.

15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,

sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”

16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,

wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.

Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano

na wɔn aso bɛsisi.

17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,

ne mmoa a wɔwea fam.

Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;

wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,

na wɔbɛsuro wo.

18Hwan na ɔte sɛ wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabofuo nntena hɔ daa

na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

19Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,

wobɛtiatia yɛn bɔne so,

na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

20Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob

na wahunu Abraham mmɔbɔ

sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam

teteete no.