希伯来书 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 7:1-28

大祭司麦基洗德

1这位麦基洗德撒冷王,也是至高上帝的祭司。当年亚伯拉罕杀败众王凯旋归来的时候,麦基洗德迎上去为他祝福, 2亚伯拉罕把战利品的十分之一给了他。麦基洗德这名字的原意是“公义之王”,后来他又被称为撒冷王,意思是“和平之王”。 3他的父母、族谱、生辰、寿数都不得而知,他跟上帝的儿子相似,永远担任祭司的职分。

4试想,连我们的祖先亚伯拉罕都将战利品的十分之一给了他,可见他是何等的尊贵! 5按照犹太人的律法,那些承袭做祭司的利未后裔可以照例向自己的同胞,就是亚伯拉罕的后裔,收取十分之一。 6但这位与犹太人没有血缘关系的麦基洗德,不单接受了亚伯拉罕给他的十分之一,还为承受应许的亚伯拉罕祝福。 7毫无疑问,那为人祝福的总比领受祝福的位分大。 8收取十分之一的利未祭司都是会死的人,但那位收取十分之一的麦基洗德被证明仍然活着。 9这样说来,连接受十分之一奉献的利未也透过亚伯拉罕麦基洗德纳了十分之一。 10因为亚伯拉罕遇见麦基洗德时,利未虽然还没有出生,却已经在他祖先的身体里面了。

大祭司耶稣

11犹太人在利未祭司制度的基础上承受了律法,如果通过这个祭司制度可以达到纯全,又何必照麦基洗德的模式而不是亚伦的模式,另外兴起一位祭司呢? 12既然这祭司制度更改了,律法也必须更改。 13因为这里所说的这位祭司属于别的支派,那支派里从来没有在祭坛前供职的祭司。 14显然,我们的主基督属于犹大支派,摩西从来没有说这个支派会出祭司。

15-16如果照麦基洗德的模式另外兴起一位祭司,祂做祭司不是照律法要求的血统关系,而是照不能朽坏之生命的大能,事情就更加清楚了。 17因为有一处经文为祂做见证说:“你照麦基洗德的模式永远做祭司。” 18以前的条例由于本身的弱点和无益被废除了, 19因为律法并没有使人变得纯全。但如今,我们可以借着一个更美好的盼望来到上帝面前。

20此外,耶稣做祭司并非没有誓言作保,其他人做祭司没有誓言作保。 21上帝只对耶稣说过:

“主起了誓,绝不反悔,

你永远做祭司。”

22这誓言使耶稣成了更美之约的保证人。 23以前做祭司的人数极多,但因为受死亡的限制,都不能长久担任圣职。 24然而,基督永远活着,祂的祭司职位也永不更改。 25所以祂能拯救那些靠着祂来到上帝面前的人,直到永远,因为祂永远活着,为他们祈求。

26我们所需要的,正是这样一位圣洁无瑕、良善纯全、远离罪恶、超越诸天的大祭司。 27祂无需像其他大祭司每天先为自己的罪献祭,然后为百姓的罪献祭,因为祂只一次献上自己的生命,便永远完成了赎罪的工作。 28根据律法所立的大祭司都有弱点,但律法之后凭誓言所立的大祭司——上帝的儿子永远纯全。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 7:1-28

Ɔkɛse Melkisedek

1Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, na ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. 2Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Trenee Hene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salem hene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoe hene. 3Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.

4Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasade mu nkyɛmu du mu baako. 5Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛmu du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo a wɔn nso yɛ Abraham asefo no nkyɛn. 6Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ogyee nkyɛmu du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. 7Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira. 8Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma asɔfo a wowu, gye Melkisedek a Kyerɛwsɛm no ka se ɔte ase. 9Enti nokware, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefo gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. 10Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae.

11Esiane Lewi asɔfodi nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfodi no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi sɛ Melkisedek a omfi Aaron abusua mu. 12Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma ho mmara no nso sesa. 13Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abusua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka ho da. 14Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. 15Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo, na mmom wɔnam nkwa a enni awiei tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfo. 17Kyerɛwsɛm no ka se,

“Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa

sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.”

18Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ sintɔ bi wɔ mmara no mu, na so nni mfaso nso, 19efisɛ Mose Mmara no antumi amma biribiara anni mu, na wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.

20Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21Yesu de, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,

“Awurade aka ntam;

na ɔrensesa nʼadwene a ese,

‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa no.’ ”

22Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.

23Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so. 24Nanso esiane sɛ Yesu wɔ hɔ daa no nti, ɔwɔ asɔfodi a ɛtena hɔ daa. 25Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.

26Yesu ne Ɔsɔfopanyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔama no so aboro ɔsoro so. 27Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a wɔaka no a, daa afɔre a wɔbɔ no kan no wɔbɔ wɔ wɔn bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. 28Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbaa wɔ Mmara no akyi no yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.