希伯来书 11 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 11:1-40

论信心

1信心是对盼望的事有把握,对还没看见的事很确定。 2古人因有这样的信心而得到了赞许。 3我们凭信心知道宇宙是借着上帝的话造成的,所以看得见的是从看不见的造出来的。

4亚伯凭信心向上帝献祭,比该隐所献的更美,蒙了上帝的悦纳,被称为义人。他虽然死了,却仍然借着信心说话。

5以诺因为信而被接到天上,没有经历死亡。世人找不到他,因为上帝已经把他接走了。其实他在被接之前,已经得到了肯定,是一个蒙上帝喜悦的人。 6没有信心的人不能得到上帝的喜悦,因为来到上帝面前的人必须相信上帝存在,并相信祂会赏赐一切寻求祂的人。

7挪亚因为有信心,在上帝指示他未来要发生的事之后,就怀着敬畏的心建造方舟,来救全家的人。他借着信心定了那个世代的罪,并承受了因信而来的义。

8亚伯拉罕因为有信心,听到上帝的呼召后,就遵命前往他将要承受为产业的地方,但他出发的时候还不知道自己要去哪里。 9他凭信心像异乡人一样寄居在上帝应许给他的地方。他住在帐篷里,与同受一个应许的以撒雅各一样。 10因为他盼望的是一座有根基的城,是由上帝设计、建造的。

11撒拉过了生育年龄后凭信心仍然得到了孕育后代的能力,因为她认定赐她应许的上帝言出必行。 12所以,从一个垂暮之年的人生出许多子孙,好像天上的星、海边的沙那么多。

13这些人到死都满怀信心。他们虽然没有得到上帝所应许的,却从远处望见了,就欢喜快乐,承认自己在世上不过是寄居的异乡人。 14他们抱这样的态度,表明他们正在寻找一个家乡。 15如果他们想念的是自己离开的家乡,就找机会回去了。 16然而,他们渴慕的是天上更美的家乡。所以,上帝不以被他们称为上帝为耻,因为祂已经为他们预备了一座城。

17亚伯拉罕被试验时凭信心把以撒献为祭物,承受应许的亚伯拉罕当时献上了自己的独生子。 18论到这儿子,上帝曾说:“以撒生的才可算为你的后裔。” 19他认定上帝能使死人复活,从象征意义上说,他也确实从死亡中得回了以撒

20以撒凭信心指着将来的事为雅各以扫祝福。

21雅各凭信心在临终之时分别为约瑟的两个儿子祝福,并拄着拐杖敬拜上帝。

22约瑟临终之时凭信心提到以色列人将来要离开埃及,并交代要如何处理自己的骸骨。

23摩西生下来时,他父母见他长得俊美,就凭信心把他藏了三个月,不怕违抗王的命令。

24摩西长大成人后,凭信心拒绝做法老之女的儿子, 25宁愿与上帝的子民一同受苦,也不肯享受一时的罪中之乐。 26在他眼中,为基督所受的凌辱远比埃及的财富更有价值,因为他盼望的是将来的赏赐。 27他凭信心离开埃及,不怕王的愤怒。他坚忍不拔,好像看见了肉眼不能看见的主。 28他凭信心守逾越节,行洒血的礼,免得那位杀长子的伤害以色列人。

29以色列人凭信心渡过红海,如履干地,埃及人试图过去,却被海水淹没。 30以色列人凭信心绕着耶利哥城走了七天,城墙就倒塌了。

31妓女喇合凭信心善待以色列的探子,没有与那些不顺服的人一同灭亡。

32我还要再说下去吗?我没有时间一一细说基甸巴拉参孙耶弗他大卫撒母耳和众先知的事了。 33他们凭信心战胜了敌国,行了公义,得到了应许,堵住了狮子的口, 34熄灭了猛烈的火焰,刀下逃生,由软弱变为刚强,作战勇猛,击退外敌。

35有些妇女得回了从死里复活的亲人;有些人受尽严刑拷打,仍不肯苟且偷生,为要得到一个复活后更美好的生命。 36有些人遭受戏弄和鞭打,还有些人遭受捆锁和囚禁。 37他们被人用石头打死,受威逼利诱11:37 有圣经抄本在此处无“受威逼利诱”。,被锯成两截,丧生刀剑之下,披着绵羊和山羊的皮四处奔跑,受尽贫乏、迫害和虐待, 38在旷野、群山、山洞和地穴中漂流不定。他们是世界不配有的!

39这些人都因信心而获得赞许,但他们并未得到上帝的应许, 40因为上帝为我们预备了更美的,要叫他们与我们一同得到才算完美。

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 11:1-40

Onyankopɔn Ma Gyidie

1Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerɛhyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nnhunu mu. 2Gyidie a na tetefoɔ no wɔ enti na wɔnyaa adanseɛ pa.

3Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu.

4Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa.

5Gyidie enti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhunu owuo. Obiara anhunu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no kɔeɛ. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. 6Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.

7Gyidie enti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a ebi nsii da no, ɔtiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu ewiase fɔ, na Noa deɛ, ne nsa kaa tenenee a wɔnya firi gyidie mu.

8Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ. 9Gyidie enti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu. 10Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. 11Gyidie enti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, ɛberɛ a na wanyini na ɔntumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. 12Ɛno enti, ɛwom sɛ na Abraham regye nna awu, nanso nʼasefoɔ adɔɔso sɛ ewiem nsoromma ne mpoano anwea.

13Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no deɛ, nanso wɔhunuu no akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so. 14Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn ɔman. 15Wɔannwene ɔman a wɔgyaa wɔ wɔn akyire no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wɔbɛtumi anya ɛkwan asane wɔn akyi akɔ hɔ. 16Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro ɔman no na na wɔpere kɔ mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn.

17Gyidie enti, Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ. 18Na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” 19Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane awufoɔ afiri owuo mu, na ɛkwan bi so no, yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn nyanee Isak firii owuo mu.

20Gyidie enti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.

21Gyidie enti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewuo. Ɔkuraa ne poma mu sɔree Onyankopɔn.

22Gyidie enti na Yosef rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔbɛtu afiri Misraim, na ɔhyɛɛ deɛ sɛ ɔwu a, wɔnyɛ nʼamu no.

23Gyidie enti na ɛmaa Mose awoɔ akyi no, nʼawofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa no. Wɔhunuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wɔbɛbu ɔhene no mmara so.

24Gyidie enti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no. 25Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi. 26Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Kristo a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye. 27Gyidie enti na ɛmaa Mose tu firii Misraim a na ɔnsuro ɔhene no abufuo. Ɔmiaa nʼani sɛ ɔrensane nʼakyi ɛfiri sɛ na wahunu Onyankopɔn a obi nhunu no no. 28Gyidie enti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsɛebɔfoɔ no renkum Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima no.

29Gyidie enti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so.

30Gyidie enti na Israelfoɔ de nnanson twaa Yeriko afasuo ho hyiaeɛ no, ɛdwiri guiɛ.

31Gyidie enti na wɔankum adwaman Rahab amfra wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no, ɛfiri sɛ, ɔgyee akwansrafoɔ no fɛ so.

Gyidie Foforɔ Bi

32Afei ɛdeɛn na menka? Ɛberɛ bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm. 33Wɔnam gyidie so koo aman dii nkonim ma wɔn nsa kaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34dumm ogyaframa, tetee wɔn ho firii akofenawuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so. 35Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so. 36Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane. 38Ewiase yi annyɛ amma wɔn. Wɔkyinkyinii sɛ atutenafoɔ wɔ ɛserɛ so ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.

39Wɔdii yeinom nyinaa ho adanseɛ pa wɔ wɔn gyidie ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, 40ɛfiri sɛ, Onyankopɔn wɔ tirimupɔ papa bi ma yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbom anya bɔhyɛ no.