尼希米记 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

尼希米记 3:1-32

重建耶路撒冷的城墙

1于是,大祭司以利亚实及其他祭司一起重建羊门,将它献给上帝,又安上门。他们重建城墙,一直建到哈米亚楼和哈楠业楼,并将它献给上帝。

2下一段由耶利哥人修建。

再下一段由音利的儿子撒刻修建。

3哈西拿的子孙修建鱼门,架上横梁,安上门,装上门闩和门锁。

4再下一段由哈哥斯的孙子、乌利亚的儿子米利末修筑。

再下一段由米示萨别的孙子、比利迦的儿子米书兰修筑。

再下一段由巴拿的儿子撒督修筑。

5再下一段由提哥亚人修筑,但他们的贵族不肯做督工所分派的工作。

6巴西亚的儿子耶何耶大比所玳的儿子米书兰修筑古门,架上横梁,安上门,装上门闩和门锁。

7再下一段由基遍米拉提米伦雅顿和其他基遍人,以及河西省省长管辖的米斯巴人修筑。

8再下一段由哈海雅的儿子金匠乌薛修筑。

再下一段由制造香料的哈拿尼雅修筑,他们修筑耶路撒冷的城墙,直到宽墙。

9再下一段由管理半个耶路撒冷户珥的儿子利法雅修筑。

10接下来,哈路抹的儿子耶大雅修筑他房子对面的那一段。

再下一段由哈沙尼的儿子哈突修筑。

11哈琳的儿子玛基雅巴哈·摩押的儿子哈述修筑另一段城墙,包括炉楼。

12再下一段由哈罗黑的儿子、管理另一半耶路撒冷沙龙和他的女儿们修筑。

13哈嫩撒挪亚的居民修筑谷门,安上门,装上门闩和门锁,之后又修建城墙四百四十五米,直到粪厂门。

14利甲的儿子、管理伯·哈基琳玛基雅修筑粪厂门,修好后安上门,装上门闩和门锁。

15各荷西的儿子、管理米斯巴沙仑修筑泉门,修好后盖上门顶,安上门,装上门闩和门锁。他还从靠近御花园的西罗亚池的城墙,一直修到大卫城下来的台阶处。

16再下一段由押卜的儿子、管理半个伯·夙尼希米修筑,他一直修到大卫墓地对面,远至人工池和勇士堂。

修筑城墙的利未人

17再下一段由巴尼的儿子利宏带领的利未人修筑。

接下来,管理半个基伊拉哈沙比雅修筑了自己的辖区。

18再下一段由他的同族兄弟、管理另一半基伊拉希拿达的儿子巴瓦伊修筑。

19再下一段由耶书亚的儿子、管理米斯巴以谢修筑,他从斜坡对面修到城墙转角的兵器库。

20再下一段由萨拜的儿子巴录修筑,他从城墙转角修到以利亚实大祭司的家门口。

21再下一段由哈哥斯的孙子、乌利亚的儿子米利末修筑,他从以利亚实家门口修到以利亚实家的尽头。

修筑城墙的祭司

22再下一段由住在周围郊区的祭司修筑。

23接下来,便雅悯哈述修筑自家对面的那一段。

再接下来,亚南尼的孙子、玛西雅的儿子亚撒利雅修筑自家旁边的那一段。

24再下一段由希拿达的儿子宾内修筑,他从亚撒利雅的房子修到城墙的转角。

25-26再接下来,乌赛的儿子巴拉修筑了城墙转角的对面和护卫院附近上宫凸出的城楼。

再下一段由巴录的儿子毗大雅与住在俄斐勒的殿役修筑,他们修到东面的水门对面和凸出的城楼那里。

其他修筑的人

27再下一段由提哥亚人修筑,他们从凸出来的大城楼对面修到俄斐勒的城墙。

28接下来,祭司修筑了马门以北的城墙,他们各自修筑自家对面的部分。

29再接下来,音麦的儿子撒督修筑自家对面的那一段。

再下一段由看守东门的、示迦尼的儿子示玛雅修筑。

30再下一段由示利米雅的儿子哈拿尼雅萨拉的第六个儿子哈嫩修筑。

接下来,比利迦的儿子米书兰修筑自家对面的那一段。

31再下一段由金匠玛基雅修筑,他修到哈米弗甲门对面的殿役和商人的房子,直到城的角楼。

32金匠和商人修筑从城的角楼到羊门的那一段。

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 3:1-32

Wɔto Yerusalem Ɔfasuo No Bio

1Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. 2Nnipa a wɔfiri Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.

3Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa. 4Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok. 5Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.

6Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu. 7Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ. 8Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no.

9Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia. 10Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus. 11Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho. 12Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano.

13Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.

14Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.

15Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no. 16Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur3.16 Bet-Sur yɛ tete Dawid ahowɛmfoɔ atenaeɛ. (2 Sam 23.8-39) mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.

17Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so. 18Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano. 19Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no. 20Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano. 21Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.

22Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ. 23Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie. 24Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ. 25Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, 26ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no. 27Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no.

28Asɔfoɔ no nso siesiee ɔfasuo no a ɛwɔ kokoɔ so na ɛtoa Apɔnkɔ Ɛpono no soɔ no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fie di nhwɛanim. 29Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no. 30Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. 31Malkia a ɔyɛ sikadwumfoɔ no mu baako siesiee ɔfasuo no, kɔsii Asɔredan mu asomfoɔ ne adwadifoɔ fie a Badwa Ɛpono no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kɔsii abansoro a ɛwɔ ntweasoɔ hɔ no. 32Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano.