士师记 6 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 6:1-40

士师基甸

1后来,以色列人又做耶和华视为恶的事,耶和华就把他们交在米甸人手中,受他们统治七年。 2米甸人势力强盛,以色列人只好躲进山里,藏在洞穴和营寨中。 3每当他们撒种的时候,米甸人、亚玛力人及东方人就前来进犯, 4在他们境内安营,摧毁他们远至迦萨一带的庄稼,不给他们留下任何粮食,也不留下一只羊、一头牛或驴。 5入侵者带着牲畜和帐篷像蝗虫一样涌来,人和骆驼不计其数,摧毁了整个地区。 6以色列人因米甸人的入侵而极其贫乏,就呼求耶和华。

7以色列人因米甸人的入侵而呼求耶和华的时候, 8耶和华就差遣先知对他们说:“以色列的上帝耶和华说,‘我曾把你们从受奴役之地——埃及领出来, 9将你们从埃及人及一切欺压者的手中拯救出来,为你们赶走敌人,把他们的土地赐给你们。’ 10我曾对你们说,‘我是你们的上帝耶和华。你们虽然住在亚摩利人的地方,但不可祭拜他们的神明。’你们却充耳不闻。”

11一天,耶和华的天使来到俄弗拉,坐在亚比以谢族人约阿施的橡树下。约阿施的儿子基甸因为要躲避米甸人,正躲在榨酒池里打麦子。 12耶和华的天使向基甸显现,说:“英勇的战士啊,耶和华与你同在。” 13基甸说:“我主啊,如果耶和华与我们同在,我们怎会有这些遭遇?我们的祖先曾告诉我们有关耶和华带领他们离开埃及的事,如今祂那些奇妙的作为在哪里呢?现在祂已经丢弃我们,把我们交在米甸人手里。” 14耶和华转向他,说:“你尽自己的力量去从米甸人手中拯救以色列人吧,我现在派你去。” 15基甸说:“主啊,我出身于玛拿西支派最贫穷的家族,在家里最微不足道,我怎能拯救以色列人呢?” 16耶和华说:“我必与你同在,你必如击打一人一样击打米甸人。” 17基甸说:“如果我在你面前蒙恩,求你给我一个凭据,使我知道与我说话的真是你耶和华。 18请你在这里等一等,让我回去拿礼物献给你。”耶和华说:“我必等你回来。”

19基甸回家预备了一只山羊羔,用十公斤面粉做了无酵饼,把肉放进篮子,把汤盛在壶中,然后拿到橡树下献给耶和华的天使。 20上帝的天使对基甸说:“把肉和无酵饼放在这磐石上,把汤倒在上面。”他一一照做。 21耶和华的天使伸出手中的杖碰了一下饼和肉,火就从磐石中喷出来烧尽了它们。耶和华的天使也不见了。 22基甸发现他果然是耶和华的天使,便说:“唉!主耶和华啊,不好了,我面对面见了你的天使。” 23耶和华对他说:“放心吧,不用害怕,你不会死。” 24基甸在那里为耶和华筑了一座坛,称之为“耶和华赐平安”。这坛如今仍在亚比以谢族的俄弗拉

25那天晚上,耶和华吩咐基甸:“牵来你父亲的第二头牛,就是那头七岁的牛,拆毁你父亲为巴力筑的祭坛,砍倒坛旁的亚舍拉神像。 26然后,在这座山顶上把石头堆放整齐,为你的上帝耶和华筑一座祭坛,用砍倒的亚舍拉神像作柴,把那头牛献作燔祭。” 27于是,基甸带了十个仆人遵命而行。不过,他因为害怕家人和城中的人,不敢在白天行动,便在夜间行动。

28第二天清早,城里的人发现巴力的祭坛已经被人拆毁,坛旁的亚舍拉神像被砍倒,第二头公牛被献在新建的祭坛上。 29他们彼此议论说:“这是谁干的?”他们仔细调查后得知是约阿施的儿子基甸所为, 30便对约阿施说:“把你儿子交出来!他拆毁了巴力的祭坛,砍倒了坛旁的亚舍拉神像,我们要处死他!” 31约阿施对气势汹汹的人群说:“你们这样做是要为巴力辩护吗?是要救它吗?谁为巴力辩护,今天早晨就处死谁。有人拆毁巴力的祭坛,如果它是神明,就让它为自己辩护吧!” 32因此,那天他们称基甸耶路·巴力,意思是“让巴力为自己辩护”,因为他拆毁了巴力的祭坛。

33那时,米甸人、亚玛力人及东方人一起过了约旦河,在耶斯列的平原安营。 34耶和华的灵降在基甸身上,他就吹起号角,号召亚比以谢族的人跟从他。 35他派人走遍玛拿西亚设西布伦拿弗他利各支派召集军队,得到了人们的响应。 36基甸对上帝说:“若如你所言,你要用我去拯救以色列人, 37求你给个凭据。我把一团羊毛放在麦场上,若明天早晨只是羊毛上有露水,地面却是干的,我就知道,如你所言,你要用我去拯救以色列人。” 38果然如此,基甸一早醒来,从羊毛中挤出满满一碗露水。 39基甸又对上帝说:“求你不要发怒,容许我再试一次,这次让羊毛是干的,地面有露水。” 40那天晚上,耶和华就照他所求使地面布满露水,唯独羊毛是干的。

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 6:1-40

Gideon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ6.1 Midianfoɔ yɛ Abraham ne Ketura asefoɔ (1 Mose 25.2). nsa mfeɛ nson. 2Esiane sɛ na Midianfoɔ no yɛ atirimuɔdenfoɔ enti, Israelfoɔ no dwane kɔɔ mmepɔ so kɔpɛɛ ahintaeɛ wɔ abodan ne atu mu. 3Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so. 4Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu. 5Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa. 6Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

7Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, 8Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu 9Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo. 10Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”

11Na Awurade ɔbɔfoɔ bɛtenaa odupɔn a ɛsi Ofra a ɛyɛ Yoas a ɔfiri Abieser abusua mu dea no ase. Na Yoas babarima Gideon reporo ayuo wɔ nsakyiamena ase sɛ ɔde resie Midianfoɔ no. 12Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kaa sɛ, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.”

13Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.”

14Na Awurade danee ne ho ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kɔgye Israelfoɔ firi Midianfoɔ no nsam. Me na meresoma wo.”

15Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.”

16Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.”

17Gideon buaa sɛ, “Sɛ wobɛboa me ampa ara deɛ a, yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ma menhunu sɛ, nokorɛm, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi. 18Nkɔ, kɔsi sɛ mɛsane mʼakyi aba de mʼafɔrebɔdeɛ abrɛ wo.”

Awurade buaa sɛ, “Mɛtena ha atwɛn kɔsi sɛ wobɛba.”

19Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase.

20Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa ɛnam no ne burodo a ɛnkaeɛ no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ deɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 21Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ.

22Ɛberɛ a Gideon hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔteaam sɛ, “Asafo Awurade, mahunu Awurade ɔbɔfoɔ animu ne animu.”

23Awurade buaa sɛ, “Nsuro na worenwu.” 24Na Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no edin “Awurade Yɛ Asomdwoeɛ.” Afɔrebukyia no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfoɔ abusua asase so de bɛsi ɛnnɛ.

25Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no. 26Afei, si afɔrebukyia wɔ bepɔ yi so ma Awurade, wo Onyankopɔn. Hyehyɛ afɔrebukyia aboɔ no yie. Fa nantwinini bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Fa Asera dua a wotwaeɛ no yensin yɛ egya.”

27Enti, Gideon faa nʼasomfoɔ edu de wɔn yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ noɔ no. Nanso, ɔyɛɛ no anadwo, ɛfiri sɛ, na ɔsuro nʼagya fiefoɔ ne kuro mma no. Na ɔnim deɛ ɛbɛsie, sɛ wɔhunu onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ no a.

28Adeɛ kyee anɔpahema a kuro no mu nnipa hyɛɛ aseɛ nyanenyaneeɛ no, obi hunuu sɛ wɔadwiri Baal afɔrebukyia no agu, na Asera dua a ɛsi ho no nso, wɔatwa atwene na wɔasi afɔrebukyia foforɔ asi ananmu. Na wɔhunuu afɔrebɔdeɛ bi nkaeɛ wɔ so.

29Ɔmanfoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ yei?” Wɔbisabisa, too wɔn bo ase feefee mu no, wɔhunuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.

30Ɔmanfoɔ no teaam guu Yoas so sɛ, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔrebukyia ne twa a ɔtwaa Asera dua no enti, ɛsɛ sɛ ɔwuo.”

31Nanso, Yoas teaam guu nnipakuo no so sɛ, “Adɛn enti na mogye Baal ti? Mobɛtumi aka nʼasɛm ama no anaa? Obiara a ɔbɛgye ne ti no, wɔbɛkum no ansa na adeɛ akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na ɔnkum deɛ ɔdwirii nʼafɔrebukyia no!” 32Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ.

33Afei, Midianfoɔ nyinaa, Amalekfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔfifiri apueeɛ fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wɔtwaa Yordan, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yesreel bɔnhwa mu. 34Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn akodɔm, na wɔn nyinaa penee so.

36Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a, 37fa saa ɛkwan yi so kyerɛ me, mede odwannwi bɛkata ayuporobea hɔ anadwo yi. Sɛ obosuo fɔ odwannwi no, na sɛ ɛhɔ amfɔ a, na mahunu sɛ ampa ara, wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ ho bɔ no.” 38Na saa na ɛbaeɛ. Gideon sɔree adekyeeɛ kyii odwannwi no mu nyaa nsuo adeɛ ma.

39Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.” 40Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛdeɛ Gideon bisaeɛ no. Anɔpa no odwannwi yɛɛ wesee a na obosuo afɔ fam hɔ nyinaa.