哥林多前书 4 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哥林多前书 4:1-21

基督的使徒

1因此,人应该把我们当作是基督的仆人,是上帝奥秘之事的管家。 2对管家的要求是忠心。 3我对你们或别人给我的评价毫不介意,我也不评价我自己。 4就算我今日问心无愧,也不能自以为义,因为评价我的是主。 5所以,时候未到,不可妄下断语。到主耶稣再来的时候,祂会揭开暗中的隐情,使人心里的动机显露。到时候上帝会给各人应得的称赞。

6弟兄姊妹,为了你们的益处,我以亚波罗和自己作例子,好让你们效法我们不越过圣经的准则,免得有人自高自大、厚此薄彼。 7谁使你与众不同呢?你有哪一样不是领受的呢?既然一切都是领受的,你为什么还自夸,好像不是领受的? 8你们已经饱足了,富有了,不需要我们,自己已经做王了。我倒希望你们真的能做王,好让我们也和你们一同做王。 9我想,上帝把我们使徒排在队伍的末尾,好像被判了死罪的囚犯,让我们成了一台戏,给全宇宙看,就是给世人和天使观看。

10我们为了基督的缘故被人看为愚昧,你们在基督里倒成了聪明人;我们软弱,你们倒强壮;你们受人尊敬,我们倒被人藐视。 11我们至今还是又饥又渴,衣不蔽体,遭受毒打,居无定所, 12还要亲手劳作。我们被人咒骂,就为对方祝福;受人迫害,就逆来顺受; 13被人毁谤,就好言相劝。人们至今仍将我们看作世上的废物,万物中的渣滓。

14我之所以写这些事,并非是叫你们羞愧,而是像劝诫我亲爱的儿女一样劝诫你们。 15虽然有千万老师将基督的事教导你们,但父亲并不多,因为我借着福音在基督耶稣里成为你们的父亲。 16所以,我劝你们效法我。 17正因如此,我派了提摩太去你们那里。他在主里忠心耿耿,是我所爱的孩子。他会提醒你们我在基督里如何行事为人,在各地、各教会如何教导人。

18你们当中有些人以为我不会再去你们那里,就傲慢自大起来。 19但主若许可,我会很快去你们那里。那时我要看看这些骄傲的人究竟是只会空谈,还是真有上帝的权能。 20因为上帝的国不在于空谈,而在于权能。 21到底你们要什么呢?要我带着刑杖去呢?还是要我带着温柔慈爱的心去呢?

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 4:1-21

Kristo Asomafo

1Ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokware no ahyɛ yɛn nsa. 2Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware. 3Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a, ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn. 4Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn. 5Enti ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kosi sɛ bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw wɔ sum mu no adi na wada nea ahintaw wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na onipa biara anya nʼayeyi afi Onyankopɔn hɔ.

6Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta. 7Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?

8Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ. 10Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo. 11Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; 12yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. 13Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.

14Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. 15Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16Mesrɛ mo sɛ munsuasua me. 17Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu.

18Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo. 19Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. 21Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?