历代志下 27 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 27:1-9

犹大王约坦

1约坦二十五岁登基,在耶路撒冷执政十六年。他母亲叫耶路莎,是撒督的女儿。 2约坦效法他父亲乌西雅,做耶和华视为正的事,只是没有进耶和华的殿。民众仍继续败坏。 3约坦建造耶和华殿的上门,大力修建俄斐勒的城墙。 4他还在犹大山区建造城邑,在树林中建造营寨和瞭望塔。 5他与亚扪人的王交战,打败了他们。在以后的三年中,亚扪人每年进贡三点四吨银子、小麦和大麦各二百二十万公升。 6约坦日渐强盛,因为他坚守他的上帝耶和华的道。 7约坦其他的事迹、所有战事和作为都记在以色列犹大的列王史上。 8他二十五岁登基,在耶路撒冷执政十六年。 9约坦与祖先同眠后,葬在大卫城。他儿子亚哈斯继位。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 27:1-9

Yotam Di Yudahene

1Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. 2Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. 3Yotam san yɛɛ Atifi Pon a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, na ɔsan yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasu a ɛwɔ Ofel bepɔw so no. 4Ɔkyekyeree nkurow wɔ Yuda mmepɔw asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeaemmeae a wɔadua nnua.

5Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum.

6Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa Awurade, ne Nyankopɔn.

7Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu. 8Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. 9Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene.