历代志下 19 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 19:1-11

先知责备约沙法

1犹大约沙法平安地回到耶路撒冷的宫中。 2哈拿尼先见的儿子耶户出来迎接约沙法王,对他说:“你怎能帮助恶人,爱那憎恨耶和华的人呢?你这样做已经惹怒耶和华了。 3然而你还有善行,因为你铲除境内的亚舍拉神像,立志寻求上帝。”

约沙法的改革

4约沙法耶路撒冷住了一段时间后,就出巡民间,从别示巴一直走到以法莲山区,引导民众归向他们祖先的上帝耶和华。 5他又在犹大各坚城委任审判官, 6对他们说:“你们办事必须谨慎,因为你们不是为人而是为耶和华断案,你们断案的时候,耶和华必与你们同在。 7现在你们应当敬畏耶和华,谨慎办事,因为我们的上帝耶和华毫无不义,不偏待人,不受贿赂。”

8约沙法还在耶路撒冷委任一些利未人、祭司和以色列族长替耶和华断案,审理诉讼。他们就住在耶路撒冷9约沙法训导他们说:“你们要怀着敬畏耶和华的心,全心全意地办事。 10各城中的同胞若把案件带到你们面前,无论是杀人流血,还是有关律法、诫命、律例和典章的案件,你们都要警告他们不要得罪耶和华,免得耶和华的烈怒临到你们和你们的同胞。你们这样行,就没有罪了。 11凡有关耶和华的事,由亚玛利雅大祭司监督你们;凡有关君王的事,由犹大支派的族长以实玛利的儿子西巴第雅监督你们。利未人做官长协助你们。你们要行事勇敢,愿耶和华与正直的人同在!”

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 19:1-11

Yehosafat Yi Atemmufo

1Bere a ɔhene Yehosafat duu ne fi wɔ Yerusalem asomdwoe mu no, 2Hanani babarima Yehu, ɔdehufo no kohyiaa no. Obisaa ɔhene Yehosafat se, “So ɛsɛ wo sɛ woboa amumɔyɛfo, na wodɔ wɔn a wokyi Awurade ana? Nea woayɛ yi nti Awurade abufuw aba wo so. 3Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”

4Na Yehosafat19.4 Ɔhene Yehosafat ankasa tutuu akwan kokɔɔ ahemman no nyinaa mu kɔkanyan ɔsesɛw foforo wɔ anyamesom mu. tenaa Yerusalem. Nanso, otuu kwan fii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔw asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔnsan nkɔ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. 5Oyiyii atemmufo wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, 6hyɛɛ wɔn se, “Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani. 7Munsuro Awurade, na mummu atɛntrenee, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.”

8Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi Awurade mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso. 9Ɔhyɛɛ wɔn se, “Daa, momfa onyamesuro, nokware ne adwene pa nyɛ mo adwuma. 10Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.

11“Ɔsɔfopanyin Amaria bɛyɛ mo panyin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na otua Yuda abusuakuw ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawntawsɛm nyinaa mu. Lewifo no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntrenee. Momfa akokoduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade trenee ho.”