历代志上 26 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 26:1-32

圣殿的守卫

1以下是殿门守卫的班次:

可拉亚萨的后代有可利的儿子米施利米雅2米施利米雅的长子是撒迦利亚,次子是耶叠,三子是西巴第雅,四子是耶提聂3五子是以拦,六子是约哈难,七子是以利约乃4俄别·以东的长子是示玛雅,次子是约萨拔,三子是约亚,四子是沙甲,五子是拿坦业5六子是亚米利,七子是以萨迦,八子是毗乌利太。上帝特别赐福俄别·以东6他儿子示玛雅有几个儿子都很能干,在各自的家族中做首领。 7他们是俄得尼利法益俄备得以利萨巴。他们的亲族以利户西玛迦也很能干。 8这些都是俄别·以东的子孙,他们和他们的儿子及亲族共有六十二人,都是能干称职的人。 9米施利米雅的儿子及亲族共十八人,都很能干。 10米拉利的后代何萨的长子是申利,他本来不是长子,是被他父亲立为长子的。 11次子是希勒迦,三子是底巴利雅,四子是撒迦利亚何萨的儿子及亲族共十三人。

12这些按族长分成小组的殿门守卫在耶和华的殿里按班次供职,与他们的亲族一样。 13他们无论大小,都按照族系抽签,以决定看守哪个门。 14示利米雅抽中东门,他儿子撒迦利亚是个精明的谋士,抽中北门。 15俄别·以东抽中南门,他儿子抽中库房。 16书聘何萨抽中西门和上行之路的沙利基门,两班相对而立。 17每天有六个利未人守东门,四人守北门,四人守南门,守库房的二人一组。 18守卫西面街道的有四人,守卫走廊的有二人。 19以上是可拉的子孙和米拉利的子孙守门的班次。

圣殿里的其他职务

20利未亚希雅负责掌管上帝殿里的库房和放奉献之物的库房。 21革顺拉但的子孙中做族长的有耶希伊利22耶希伊利的两个儿子西坦约珥负责管理耶和华殿里的库房。 23暗兰族、以斯哈族、希伯仑族、乌歇族也各有其职。 24摩西的孙子——革舜的儿子细布业是库房的主管。 25细布业的亲族有以利以谢以利以谢的儿子是利哈比雅利哈比雅的儿子是耶筛亚耶筛亚的儿子是约兰约兰的儿子是细基利细基利的儿子是示罗密26示罗密及其亲族负责管理库房中的奉献之物,这些物品是大卫王、众族长、千夫长、百夫长和将领献给上帝的圣物。 27他们把战争中掳掠的财物献出来,以备建造耶和华的殿。 28撒母耳先见、基士的儿子扫罗尼珥的儿子押尼珥洗鲁雅的儿子约押及其他人奉献的圣物都由示罗密及其亲族管理。

29以斯哈族的基拿尼雅及其众子做官长和士师,为以色列管理圣殿以外的事务。 30希伯仑族的哈沙比雅及其亲族一千七百人都很能干,他们在以色列约旦河以西办理耶和华和王的事务。 31按家谱记载,希伯仑宗族的族长是耶利雅大卫执政第四十年,经过调查,在基列雅谢希伯仑族中找到一些能干的人。 32耶利雅的亲族有两千七百人,都是能干的族长。大卫王派他们在吕便支派、迦得支派和玛拿西半个支派中办理一切有关上帝和王的事务。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 26:1-32

Apono Ano Ahwɛfoɔ Nnwuma

1Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo:

Korafoɔ mu no:

yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu. 2Meselemia mmammarima yɛ:

Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu,

Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.

3Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia,

ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.

4Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ:

Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu,

Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan,

Netanel a ɔtɔ so enum, 5Amiel a ɔtɔ so nsia,

Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.

Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu. 7Na wɔn edin ne:

Otni, Refael, Obed ne Elsabad;

na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.

8Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.

9Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.

10Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.

11Na ne mmammarima no bi ne:

Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa

ne Sakaria tɔ so ɛnan.

Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13).

12Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no. 13Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.

14Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa.

Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.

15Anafoɔ ɛpono26.15 Anafoɔ pono. Dawid ne Salomo ahemfie no na ɛwɔ asɔredan no anafoɔ fam. Saa anafoɔ pono no mu na na ɔhene no fa. Saa ɔpono yi anohwɛ dwumadie no yɛ animuonyamhyɛdeɛ ma Obed Edom. (26.4-6; Hes 46.1-10) no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.

16Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.

Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

17Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho,

baanan kɔ atifi ɛpono no ho,

baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,

na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.

18Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.

19Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

Fotosanfoɔ Ne Adwumayɛfoɔ Nkaeɛ

20Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.

21Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano. 22Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.

23Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.

24Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so. 25Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

26Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no. 27Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie. 28Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

29Yishar abusua mu na Kenania firi.

Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.

30Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ. 31Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni.

(Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu. 32Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)