历代志上 17 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 17:1-27

上帝对大卫的应许

1大卫住进宫殿后,对拿单先知说:“你看,我住在香柏木建的王宫中,耶和华的约柜却在帐篷里。” 2拿单大卫说:“你有什么想法,就去做吧!因为上帝与你同在。”

3当晚,上帝对拿单说: 4“你去告诉我的仆人大卫,‘耶和华说,你不是为我建造殿宇的人。’ 5从我把以色列人带出埃及那天起直到今天,我从未住过殿宇,都住在四处迁移的帐篷里。 6在我与以色列人同行的日子,我从未责问任何我委派牧养我子民的士师,‘你为何不为我建造香柏木的殿宇呢?’

7“现在你要告诉我的仆人大卫,‘万军之耶和华说,你原本在草场牧羊,我召你来做我以色列子民的首领。 8无论你去哪里,我都与你同在,为你铲除所有仇敌。现在我要使你声名远播,与世上的伟人齐名。 9-10我必为我的以色列子民预备一个地方,栽培他们,使他们住在自己的家园,不再受惊扰,不会像从前我设立士师治理他们的时候那样受恶人压迫。我必制服你所有的仇敌,我耶和华向你宣告,我必建立你的王朝。 11你离世归到祖先那里的时候,我必使你的一位后裔继承你的王位,使他的国坚立。 12他要为我建造殿宇,我必使他王位永固。 13我要做他的父亲,他要做我的儿子。我的慈爱曾离开在你之前的扫罗王,但我的慈爱必不离开他。 14我要使他永远治理我的家和我的国。他的王位必永远稳固。’” 15拿单就把所听到的启示全部告诉大卫

大卫的祷告

16于是,大卫王走进会幕,在耶和华面前坐下,说:“耶和华上帝啊,我是谁?我的家算什么?你竟如此厚待我。 17上帝啊,不止如此,你还应许将来要恩待仆人的后裔。耶和华上帝啊,你视我为尊贵的人。 18你将尊荣加于仆人,我还能说什么?因为你了解仆人。 19耶和华啊,你按照自己的心意为仆人成就这大事,并显明出来。 20耶和华啊,我们从未听过有谁能与你相比,你是独一无二的上帝。 21世上有谁能与你的以色列子民相比?你从埃及救赎他们,让他们做你的子民,为他们驱逐外族人、行伟大奇妙的事,使自己声名远播。 22你让以色列人永远做你的子民,你耶和华做他们的上帝。

23“耶和华啊,愿你永远信守你对仆人和仆人家的应许,愿你成就自己的应许。 24这样,你的名必永远坚立,被尊崇,人们必说,‘以色列的上帝——万军之耶和华是以色列的上帝’,你仆人大卫的家必在你面前坚立。 25我的上帝啊,因为你曾启示仆人,说要为仆人建立王朝,仆人才敢这样向你祈求。 26耶和华啊,唯独你是上帝,你应许要将这福气赐给仆人。 27愿你赐福仆人的王朝,使它在你面前永远坚立。耶和华啊,你已赐下祝福,你的祝福是永远的!”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 17:1-27

Awurade Apam Bɔhyɛ A Ɔde Maa Dawid

1Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.”

2Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”

3Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,

4“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu. 5Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena. 6Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?” ’

7“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea. 8Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so. 9Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, 10firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ.

“ ‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ. 11Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den. 12Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ. 13Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no. 14Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ”

15Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

Dawid Aseda Mpaeɛbɔ

16Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu? 17Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!

18“Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa. 19Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.

20“Ao Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn. 22Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.

23“Ao Awurade, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 24Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.

25“Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa. 26Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”