历代志上 10 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 10:1-14

扫罗之死

1非利士人与以色列人交战,以色列人败逃,许多人在基利波山被杀。 2非利士人穷追扫罗及其众子,杀了扫罗的儿子约拿单亚比拿达麦基舒亚3扫罗周围的战斗非常猛烈,他被弓箭手发现、射成重伤, 4就对为他拿兵器的人说:“拔出你的刀来刺死我吧!免得那些未受割礼的人来凌辱我。”但拿兵器的人非常害怕,不敢动手,扫罗就自己伏刀自尽。 5拿兵器的人看见扫罗已死,也伏刀自尽了。 6这样,扫罗和他的三个儿子及全家都死了。 7住在山谷中的以色列人看见以色列军败逃、扫罗及其众子已死,都弃城而逃。于是,非利士人占领了那些城邑。 8次日,非利士人来剥阵亡者的衣物,发现扫罗及其众子横尸基利波山, 9就剥下扫罗的盔甲,割下他的头颅,并派人到非利士四境向他们的偶像和民众通告消息。 10他们将扫罗的盔甲放在他们的神庙里,把他的头颅挂在大衮神庙中。 11基列·雅比人听见非利士人对扫罗的所作所为, 12他们所有的勇士就去把扫罗和他儿子们的尸体运到雅比,葬在雅比的橡树下,并禁食七天。 13扫罗死了,因为他对耶和华不忠,不听从祂的教诲,甚至去求问灵媒, 14而不求问耶和华。因此,耶和华使他被杀,把王位交给了耶西的儿子大卫

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 10:1-14

Ɔhene Saulo Owuo

1Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii wɔ bepɔ Gilboa so. 2Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3Ɔko no ano yɛɛ den wɔ Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie.

4Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”

Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho. 5Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho. 6Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu wɔ hɔ ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ.

7Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.

8Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so. 9Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. 10Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.

11Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.

13Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ, 14wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.