列王纪下 6 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪下 6:1-33

以利沙找回斧头

1一群先知对以利沙说:“你看,我们住的地方实在太小了。 2请让我们去约旦河吧,我们每人都可以从那里砍一根木头盖房子居住。”以利沙说:“你们去吧。” 3其中一人请以利沙一起去,以利沙答应了, 4便和他们一起去约旦河砍伐树木。 5有个人砍树的时候,斧头掉进了水里。他大喊:“唉!师傅,这把斧头是借来的。” 6上帝的仆人问:“斧头掉在哪里了?”他就指给以利沙看。以利沙砍了一根树枝抛进水里,斧头便浮了上来。 7以利沙说:“你去拿上来吧!”他便伸手拿起了斧头。

以利沙使亚兰军败退

8亚兰王与以色列人交战,他和臣仆商议要在某处安营。 9上帝的仆人派人去禀告以色列王说:“你要小心,不要经过那个地方,因为亚兰人埋伏在那里。” 10以色列王派人到上帝的仆人所说的地方,警告那里的人要小心防备。这样的事情发生了好几次。

11亚兰王因此十分恼怒,召来臣仆质问他们:“你们当中谁向以色列王泄露了我们的计划?” 12一位臣仆说:“我主我王啊,没有人泄露。是以色列的先知以利沙将王在寝宫所谈的事告诉了以色列王。” 13王说:“去找出他在哪里,我派人去捉拿他。”王得知以利沙多坍后, 14便派出大队人马和战车前往那里,他们在夜间抵达多坍,把城围住。 15上帝仆人的侍者清早起来,走到外面,看见城被军队、车马包围,就对上帝的仆人说:“唉!我主啊,怎么办呢?” 16上帝的仆人说:“不要害怕!我们的人比他们的还要多。” 17他随后祷告:“耶和华啊,求你开他的眼睛,让他看见。”于是,耶和华开那个仆人的眼睛,他就看见山上到处都是火车火马围绕着以利沙18亚兰人向以利沙冲来,以利沙祈求耶和华说:“求你使他们瞎眼。”耶和华听了以利沙的祷告,使他们瞎了眼。 19以利沙对他们说:“不是这条路,也不是这座城。跟我来,我带你们到你们要找的人那里。”以利沙把他们领到撒玛利亚

20他们进城后,以利沙祷告:“耶和华啊,求你开他们的眼睛,让他们看见。”耶和华开了他们的眼睛,他们就看见了,发现自己在撒玛利亚城中。 21以色列王看见他们,问以利沙说:“我父啊,我可以杀他们吗?” 22以利沙答道:“不可杀他们。岂可杀从战场上抓来的俘虏呢?给他们吃的喝的,让他们回自己主人那里吧。” 23于是,以色列王为他们大摆宴席,等他们吃喝完毕,便放他们回自己主人那里。之后,亚兰人不再侵犯以色列

撒玛利亚城被围困

24后来,亚兰便·哈达召集全军围困撒玛利亚25撒玛利亚被困后,城里陷入严重饥荒,以致一个驴头可卖九百克银子,二百克鸽子粪可卖十一克银子。 26一天,以色列王从城墙上走过,一个妇人向他哭喊道:“我主我王啊,求你帮帮我!” 27王说:“如果耶和华不帮助你,我怎能帮助你呢?我既无粮也无酒。 28你有什么难处呢?” 29妇人说:“这个女人对我说,‘我们今天吃你儿子,明天再吃我儿子。’于是我们把我儿子煮了吃。第二天我叫她把她儿子交出来,她却把儿子藏了起来。” 30王听了妇人的话,就撕裂衣服。王走在城墙上,人们都看见他贴身穿着麻衣。 31王说:“如果今天沙法的儿子以利沙的头颅还留在他颈项上,愿上帝重重地惩罚我!”

32王派使者去以利沙那里。那时,以利沙正与长老们坐在他家中。使者到达之前,以利沙对长老说:“你们看,这凶手派人来斩我的头。使者到达时,你们要把他关在门外。他后面不就是他主人的脚步声吗?” 33话音未落,使者已经到了,说:“既然这祸是从耶和华来的,我何必再仰望祂呢?”

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 6:1-33

Abonnuati A Ɛtɛn Nsu Ani

1Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. 2Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eye, monkɔyɛ.”

3Obi kaa nʼadwene se, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.”

Ɔkae se, “Mate yɛbɛkɔ.”

4Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua. 5Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, “O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!”

6Onyankopɔn nipa no bisae se, “Ɛhefa na ɛtɔe?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani. 7Elisa ka kyerɛɛ no se, “Ma so yi.” Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii.

Elisa Nsa Ka Aramfo No

8Bere a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina, kae se, “Yɛbɛboaboa yɛn asraafo ano wɔ ha anaa ɛha.”

9Ntɛm pa ara, Onyankopɔn nipa Elisa bɔɔ Israelhene6.9 Israelhene no din de Yoram. kɔkɔ se, “Ntwiw mmɛn beae hɔ, efisɛ Aramfo no reyɛ nhyehyɛe, aboaboa wɔn asraafo ano wɔ hɔ.” 10Enti Israelhene hwɛɛ beae a Onyame nipa no kyerɛe no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeae a ɛtete saa no ho.

11Aramhene werɛ how wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanyimfo bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔyɛ ɔfatwafo no? Hena na ɔka me nhyehyɛe a mayɛ kyerɛ Israelhene?”

12Mpanyimfo no mu baako buae se, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifo wɔ Israel no na ɔka wo kokoamsɛm kyerɛ Israelhene.”

13Ɔhene no hyɛe se, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma asraafo ama wɔakɔkyere no.” Na nkra bae se, “Elisa wɔ Dotan.” 14Enti anadwo bi, Aramhene somaa asraafo bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kotwaa dantaban faa kuropɔn no ho. 15Bere a Onyankopɔn nipa no somfo sɔree ahemadakye, sii afikyiri no, na asraafo, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ Elisa se, “O, me wura! Dɛn na yɛnyɛ?”

16Elisa ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn.”

17Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, bue nʼani na ma onhu ade,” Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.

18Bere a Aramfo asraafo bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfurafura.” Na Awurade yɛɛ nea Elisa bisae no.

19Na Elisa fii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moafa ɔkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kurow a morehwehwɛ no ni. Munni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na odii wɔn anim koduu Samaria.

20Na woduu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wonhu ade.” Na Awurade yɛe, na wohuu sɛ wɔwɔ Samaria.

21Bere a Israelhene huu wɔn no, ɔteɛɛ mu, bisaa Elisa se, “Mʼagya, minkunkum wɔn ana?”

22Elisa buaa no se, “Nkunkum wɔn. So wubekunkum wɔn a wode wʼankasa afoa ne agyan afa wɔn nnommum no ana? Ma wɔn aduan ne nsu, na wonnidi, nnom na ma wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23Enti ɔhene no too wɔn pon kɛse, na wodidi, nom wiee no ɔma wɔsan kɔɔ wɔn hene nkyɛn. Enti Aramfo afowfo no twee wɔn ho fii Israel asase ho koraa.

Ben-Hadad Tua Samaria Ano

24Akyiri no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, de wɔn kotuaa Samaria ano. 25Ɛbaa saa no, ɔkɔm kɛse baa kurow no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afurum ti nsania ani dwetɛ kilogram baako, na aborɔnoma bin kuruwa ma, na ne bo yɛ nsania ani dwetɛ gram aduonum awotwe.

26Da bi a Israelhene nam kurow no fasu ho no, ɔbea bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”

27Obuaa no se, “Sɛ Awurade ammoa wo a, dɛn na metumi ayɛ? Minni aduan anaa nsa a mede bɛma wo.” 28Ɔhene no bisaa no se, “Dɛn asɛm?”

Obuae se, “Saa ɔbea yi kae se, yɛnwe me babarima da bi, na ade kye a, yɛawe ɔno nso de. 29Enti yɛnoaa me babarima wee. Afei, ade kyee no, meka kyerɛɛ no se, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso na ɔde no akosie.”

30Na ɔhene no tee saa asɛm no, osunsuan ne ntade mu. Na ɔhene no nenam ɔfasu no ho no, nnipa no huu sɛ ɔhyɛ atweaatam wɔ nʼase. 31Ɔhene no kaa ntam se, “Sɛ nnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nkum me.”

32Elisa te ne fi a ɔne Israel mpanyimfo reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfo kɔfrɛɛ no. Nanso ansa na abɔfo no rebedu no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Owudifo asoma ɔbarima bi sɛ ommekum me. Sɛ odu ha a, to pon no mu, na ɔnka akyi. Na ɛrenkyɛ ne wura no bedi nʼakyi aba.” 33Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfo no bae.

Na ɔhene no kae se, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”