列王纪上 22 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪上 22:1-53

米该雅先知警告亚哈王

1亚兰以色列之间三年无战事。 2第三年,犹大约沙法来见以色列亚哈3以色列王对臣仆说:“你们都知道基列拉末是我们的领土,我们岂能坐视不理,不从亚兰王手中夺回来呢?” 4他问约沙法:“你愿意跟我一起去攻打基列拉末吗?”约沙法回答说:“你我不分彼此,我的民就是你的民,我的马就是你的马。” 5约沙法又对以色列王说:“你要先求问耶和华。”

6于是,以色列王就召来了大约四百名先知,问他们:“我可以去攻打基列拉末吗?”他们说:“可以去,主必把那城交在王手中。” 7约沙法问:“这里没有耶和华的先知供我们求问吗?” 8以色列王回答说:“这里还有一个人,是音拉的儿子米该雅,我们可以托他求问耶和华。可是我厌恶他,因为他给我的预言都是有凶无吉。”约沙法说:“王不要这样说。” 9以色列王召来一名内侍,说:“你快把音拉的儿子米该雅带来。” 10以色列王和犹大约沙法撒玛利亚城门前的麦场,身穿朝服,坐在宝座上,众先知都在他们面前说预言。 11基拿拿的儿子西底迦造了两只铁角,说:“耶和华这样说,‘你必用这铁角抵亚兰人,直到毁灭他们。’” 12所有的先知也都预言说:“去攻打基列拉末吧,一定得胜,耶和华必将那城交在王的手中。”

13去召米该雅的使者对米该雅说:“众先知都异口同声地向王说吉言,你就像他们一样说些吉言吧。” 14米该雅回答说:“我凭永活的耶和华起誓,耶和华对我说什么,我就说什么。” 15米该雅来到以色列王面前,王就问他:“米该雅啊,我可不可以去攻打基列拉末?”米该雅回答说:“上去攻打吧,一定得胜,耶和华必将那城交在王手中。” 16王却说:“我要嘱咐你多少次,你才肯奉耶和华的名对我说实话呢?” 17米该雅说:“我看见以色列人四散在山上,好像没有牧人的羊群一样。耶和华说,‘这些人没有主人,让他们各自平安地回家去吧。’” 18以色列王对约沙法说:“我不是告诉过你吗?他给我的预言都是有凶无吉。” 19米该雅说:“你要听耶和华的话。我看见耶和华坐在宝座上,众天军侍立在祂左右。 20耶和华说,‘谁愿意去引诱亚哈基列拉末去送死呢?’众天军议论纷纷。 21后来,有一个灵站出来对耶和华说他愿意去。 22耶和华问他用什么方法,他说,‘我要做谎言之灵,进入他众先知的口中。’耶和华说,‘你必能成功,就这样做吧。’ 23现在,耶和华已经把谎言之灵放进这些先知口中,耶和华已决意降祸给你。”

24基拿拿的儿子西底迦听了米该雅的话就上前打他的脸,说:“耶和华的灵怎会离开我向你说话呢?” 25米该雅说:“你躲进密室的那天就知道了。” 26以色列王下令说:“把米该雅交给亚们总督和约阿施王子, 27告诉他们,‘王说,要把这人关在监牢,只给他一些饼和水,直到我平安地回来。’” 28米该雅说:“如果你能够平安地回来,耶和华就没有借着我说话。”他又说:“众民啊,你们都记住我的话。”

亚哈之死

29以色列王和犹大约沙法出兵攻打基列拉末30以色列王对约沙法说:“我要改装上阵,你就穿王袍吧。”以色列王就改装上阵。 31亚兰王已经吩咐他的三十二名战车长不要跟对方的大小军兵交锋,只攻击以色列王。 32战车长看见约沙法,以为他一定是以色列王,便转过来攻击他。约沙法高声喊叫, 33战车长见他不是以色列王,便不再追杀他。 34有人随手放了一箭,射进了以色列王的铠甲缝中。王对驾车的说:“调转车头拉我离开战场吧,我受了重伤。” 35那天的战事非常激烈,亚哈王被人扶着站在车上,迎战亚兰人。到了黄昏,王就死了,车上流满了血。 36太阳快要下山的时候,以色列军中传出号令,叫人各回本乡本城。

37王死后,他们把王的尸体运回撒玛利亚安葬, 38并在撒玛利亚妓女洗浴的池边洗他的战车,有狗来舔他的血,正如耶和华所言。 39亚哈其他的事,他的一切所作所为和他建造的象牙宫及各城邑,都记在以色列的列王史上。 40亚哈与祖先同眠后,他儿子亚哈谢继位。

约沙法做犹大王

41亚哈以色列王第四年,亚撒的儿子约沙法登基做犹大王。 42约沙法三十五岁登基,在耶路撒冷执政二十五年。他母亲叫阿苏巴,是示利希的女儿。 43约沙法事事效法他父亲亚撒,不偏不离,做耶和华视为正的事。但他没有拆毁丘坛,百姓仍然在那里献祭烧香。 44约沙法以色列王修好。

45约沙法其他的事,包括他的功业和战绩,都记在犹大的列王史上。 46约沙法除掉了他父亲亚撒时代遗留的男庙妓。 47那时以东没有王,由总督治理。 48约沙法又建造了一批他施船,要到俄斐去运载黄金,可是没有成行,因为船只在以旬·迦别失事了。 49后来,亚哈的儿子亚哈谢请求约沙法让他的人跟约沙法的人一起出海,但约沙法拒绝了。 50约沙法与祖先同眠后葬在大卫城他的祖坟里。他儿子约兰继位。

亚哈谢做以色列王

51犹大约沙法执政第十七年,亚哈的儿子亚哈谢撒玛利亚登基做以色列王,执政两年。 52他做耶和华视为恶的事,步他父母的后尘,效法使以色列人陷入罪中的尼八之子耶罗波安53他像他父亲一样供奉、祭拜巴力,惹以色列的上帝耶和华发怒。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 22:1-53

Yehosafat Ne Ahab

1Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfeɛ mmiɛnsa. 2Na mfeɛ mmiɛnsa no mu, ɔhene Yehosafat a ɔdi adeɛ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. 3Na Ahab abisa ne mpanimfoɔ sɛ, “Moahunu sɛ Aramfoɔ da so te yɛn kuro Ramot Gilead mu? Nanso, yɛnyɛɛ ho hwee!”

4Enti ɔbisaa Yehosafat sɛ, “Wobɛka me ho, na yɛako atia Ramot Gilead anaa?”

Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab sɛ, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea, sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” 5Na Yehosafat ka kaa ho sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”

6Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”

Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so.”

7Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.”

8Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”

Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”

9Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

10Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.”

12Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”

13Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.”

14Nanso, Mikaia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”

15Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ahennimu no, Ahab bisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”

Na Mikaia buaa sɛ, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim animuonyam so.”

16Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”

17Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu, mehunuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔ no so, te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ efie asomdwoeɛ mu.’ ”

18Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka saa ankyerɛ wo? Ɛda biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔntorɔ na ɔhyɛ fa me ho.”

19Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka. Mehunuu Awurade sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” 20Na Awurade bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛkum no wɔ hɔ?”

Wɔsusuu nsɛm ahodoɔ bebree ho wɔ hɔ, 21kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, “Mɛtumi ayɛ!”

22Awurade bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei?”

Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.”

Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.

23“Enti afei, Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ anomu. Na Awurade adwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ama wo.”

24Ɛnna Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Ɔbisaa no sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom firii me mu, bɛkasa kyerɛɛ wo?”

25Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”

26Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kuro no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 27Monka saa nhyɛ a ɛfiri ɔhene nkyɛn nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase, na burodo ne nsuo nko na momfa mma no nni, kɔsi sɛ mɛsane afiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ”

28Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ wosane ba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no sɛ, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nso.”

Ahab Owuo

29Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Ramot-Gilead so. 30Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakyera me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu me. Nanso, wo deɛ, hyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sakyeraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

31Saa ɛberɛ no, na Aramhene ahyɛ ne nteaseɛnamkafoɔ aduasa mmienu no sɛ, “Monto nhyɛ Israelhene nko ara so!” 32Enti, ɛberɛ a Aramhene nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ no, wɔtaa no. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene no ne no.” Nanso, ɛberɛ a Yehosafat teaam no, 33nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no enti, wɔgyaa nʼakyidie.

34Aram sraani bi de anibiannasoɔ too agyan kyerɛɛ Israel asraafoɔ no so, ma ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkataboɔ ahyiaeɛ so. Ahab teaam kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Fa me firi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” 35Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab tweree biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no. Mogya tuu no firi nʼapirakuro no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwunu dwoeɛ no, ɔwuiɛ. 36Onwunu reyɛ adwo no, wɔteateaam faa akodɔm no nyinaa mu sɛ: “Ɔko no aba awieeɛ. Monsane nkɔ efie!”

37Na ɔhene no wuiɛ no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kɔsiee no wɔ hɔ. 38Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.

39Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 40Ɛberɛ a Ahab wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Yehosafat Di Ɔhene Wɔ Yuda

41Asa babarima Yehosafat bɛdii Yuda so ɛberɛ a na Ahab adi adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ ɛnan so no. 42Ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. 43Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ. 44Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu.

45Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 46Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. 47Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko.

48Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so.

50Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Ahasia Di Ɔhene Wɔ Israel

51Ahab babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ mmienu. 52Na ɔfaa nʼagya ne ne maame ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, somm ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 53Ɔsomm Baal, sɔree no, nam so fuu Awurade, Israel Onyankopɔn, bo sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no.