列王纪上 16 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪上 16:1-34

1耶和华吩咐哈拿尼的儿子耶户先知责备巴沙说: 2“我从尘土中提拔你,立你为我以色列子民的王,你却重蹈耶罗波安的覆辙,使我的子民陷入罪中,惹我发怒。 3所以我必除掉你和你全家,像除掉尼八的儿子耶罗波安家一样。 4你家人中,死在城中的必被狗吃,死在野外的必被鸟吃。”

5巴沙其他的事及其一切所作所为和成就都记在以色列的列王史上。 6巴沙与祖先同眠后葬在得撒,他儿子以拉继位。 7耶和华借哈拿尼的儿子耶户先知谴责巴沙和他全家,是因为他像耶罗波安家一样做耶和华视为恶的事,惹耶和华发怒,也因为他杀了耶罗波安全家。

以拉做以色列王

8犹大亚撒执政第二十六年,巴沙的儿子以拉得撒登基做以色列王,执政两年。 9以拉的一半战车由部下心利掌管。一天,心利以拉得撒宫廷总管亚杂家中喝醉时, 10进去杀了他,篡了位。那一年是亚撒犹大王第二十七年。

11心利一做王,就杀了巴沙全家,他亲友家的男子也无一幸免。 12巴沙惨遭灭门之祸,正应验了耶和华借耶户先知谴责他的话。 13这是因为巴沙以拉父子二人作恶多端,祭拜假神,使以色列人陷入罪中,惹以色列的上帝耶和华发怒。 14以拉其他的事及其一切所作所为都记在以色列的列王史上。

心利做以色列王

15亚撒犹大王第二十七年,心利开始在得撒做王,执政仅七天。那时以色列军正在攻打非利士基比顿城。 16他们听说心利谋反弑君,就在当天拥立军中元帅暗利以色列王。 17暗利率领以色列军离开基比顿,上去围攻得撒18心利见城被攻破,就走进王宫的城堡中放火烧宫,自焚而死。 19这是因为他犯罪,行耶和华视为恶的事,步耶罗波安后尘,使以色列人陷入罪中。 20心利其他的事及其谋反篡位的经过,都记在以色列的列王史上。

暗利做以色列王

21那时,以色列人分为两派,一派拥立基纳的儿子提比尼做王,另一派支持暗利22两派相争,暗利一派占了上风,提比尼死后,暗利做了王。

23亚撒犹大王第三十一年,暗利登基做以色列王,执政共十二年,其中六年在得撒24暗利用了六十八公斤银子向撒玛买了撒玛利亚山,在上面建了一座城,按原来主人撒玛的名字称之为撒玛利亚25暗利做耶和华视为恶的事,比以前的诸王更坏。 26他步尼八的儿子耶罗波安的后尘,使以色列人陷入罪中,祭拜假神,惹以色列的上帝耶和华发怒。 27暗利其他的事及其一切所作所为都记在以色列的列王史上。 28暗利与祖先同眠后葬在撒玛利亚,他儿子亚哈继位。

亚哈做以色列王

29亚撒犹大王第三十八年,暗利的儿子亚哈登基做以色列王,他在撒玛利亚执政二十二年。 30暗利的儿子亚哈做耶和华视为恶的事,比以前的诸王更坏。 31他不但步尼八的儿子耶罗波安的后尘,还娶了西顿叶巴力的女儿耶洗别为妻,供奉、祭拜巴力32他在撒玛利亚巴力建庙,在庙里为巴力设立祭坛。 33他还造了亚舍拉神像,所作所为比先前诸王更惹以色列的上帝耶和华发怒。 34亚哈执政期间,伯特利希伊勒重建耶利哥城。他立地基的时候,长子亚比兰死了;安城门的时候,幼子西割死了。这应验了耶和华借的儿子约书亚说的话。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 16:1-34

1Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, 2“Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo. 3Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ. 4Wɔn a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no deɛ, nkraman bɛwe wɔn ɛnam. Na ewiem nnomaa na wɔbɛsosɔ wɔn a wɔbɛwuwu wiram no.”

5Na Baasa adedie ne ɛho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mpontuo no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 6Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

7Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie.

Ela Di Israel So Ɔhene

8Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu.

9Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa. 10Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so.

11Ɛhɔ ara, Simri kunkumm Baasa adehyeɛ abusua no mu nnipa nyinaa a wannya abarimaa baako koraa. Mpo, ɔkunkumm ne ntɛtɛbusuafoɔ ne ne nnamfonom. 12Simri sɛee Baasa ahennie nnidisoɔ no, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Yehu so ahyɛ no. 13Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.

14Ela ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Simri Di Israel So Ɔhene

15Simri tenaa Tirsa dii adeɛ Israel, ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nson mu, nanso ɔdii adeɛ nnanson pɛ. Ɛberɛ a Israel akodɔm a na wɔrekɔto ahyɛ Filistifoɔ kuro Gibeton so no 16tee sɛ Simri akum ɔhene no, wɔyii ɔsahene Omri de no dii adeɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. 17Enti, Omri dii Israel akodɔm anim, firi Gibeton kɔtuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkuro no. 18Ɛberɛ a Simri hunuu sɛ wɔafa kuro no, ɔkɔɔ ɔhene no abankɛsewa mu wɔ ne fie, na ɔhyee hɔ ne ne ho fraeɛ, ma ɔwuu egyadɛreɛ no mu. 19Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no so.

20Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Omri Di Israel So

21Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22Nanso, Omri akyidifoɔ no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifoɔ no so. Enti, wɔkumm Tibni, ma Omri dii ɔhene.

23Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa. 24Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam. 25Nanso, Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no deɛ. 26Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim, ma wɔyɛɛ no. Ɔde yei hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.

27Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 28Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Ahab Di Israel So Ɔhene

29Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu. 30Nanso Omri ba Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no nyinaa mu biara deɛ. 31Na ɔyɛɛ deɛ Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfoɔhene Etbaal babaa, na ɔhyɛɛ aseɛ somm Baal, sɔree no. 32Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔsii abosomfie ne afɔrebukyia maa Baal wɔ Samaria. 33Afei, ɔsii Asera afɔrebukyia. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn abufuo sene ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.

34Nʼahennie so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ɔfiri Bet-El sane kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wuiɛ. Na ɔtintim abɔntenpono de wieeɛ no nso, ne kaakyire Segub nso wuiɛ. Yei nyinaa sisiiɛ, sɛdeɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kaeɛ no teɛ.