出埃及记 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 5:1-23

摩西和亚伦见法老

1之后,摩西亚伦去见法老,对他说:“以色列的上帝耶和华说,‘放我的子民走,让他们到旷野去为我守节期。’” 2法老说:“耶和华是谁?我凭什么要听从祂,放走以色列人?我不认识祂,也不会让以色列人离开!” 3摩西亚伦说:“希伯来人的上帝向我们显现了。求你容我们走三天的路程,到旷野去向我们的上帝耶和华献祭,请你让我们去吧,免得祂用刀剑、瘟疫来攻击我们。” 4埃及王说:“摩西亚伦,你们竟敢煽动百姓旷工!快回去工作!” 5法老又说:“这地方的以色列人如此众多,你竟叫他们停止工作!” 6当天,法老就对埃及监工和以色列人的工头下令: 7“从今天开始,不许再供应草给他们制砖,叫他们自己去捡, 8但上交的砖的数量要和往常一样,一块也不可少。因为他们懒惰,所以才嚷着要去给他们的上帝献祭。 9你们要加重他们的工作,他们就无暇再听那些蛊惑人心的话了!”

10于是,那些监工和工头就出来向百姓宣布:“法老下令不再供应草给你们制砖。 11你们要自己设法去找,但上交的砖一块也不能少。” 12百姓只好在埃及全国收集碎禾秸当草用。 13监工催逼他们说:“你们要完成每天规定的数目,像从前有草时一样。” 14他们又鞭打以色列人的工头,说:“你们这两天为什么没有像从前一样完成规定的砖数?”

15以色列人的工头来见法老,向他哀求说:“你为什么要这样对待仆人们? 16监工不给仆人们草,却命令我们做砖,还打我们,其实是你百姓的错。” 17法老说:“你们是懒惰的人,懒惰的人!所以才嚷着要去给耶和华献祭。 18回去继续工作!我不再供应草给你们,但砖要如数交齐。” 19以色列人的工头听见每天做的砖数不可减少,就知道情况不妙。 20他们从法老那里出来的时候,遇见摩西亚伦站在外面等候, 21便埋怨二人说:“愿耶和华鉴察、惩罚你们!你们使我们在法老和他的臣仆面前有了臭名,使他们有借口来杀我们。”

22摩西回到耶和华那里说:“主啊!你为什么这样苦待你的子民呢?为什么要派我去呢? 23自从我去法老那里奉你的名发言后,他更加虐待你的子民,你并没有拯救他们。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 5:1-23

Mose Ne Aaron Kɔ Farao Anim

1Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ”

2Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”

3Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu.”

4Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” 5Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.”

6Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, 7“Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no. 8Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn Awurade afɔre no. 9Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara.”

10Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio. 11Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.” 12Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi. 13Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.” 14Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”

15Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa? 16Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”

17Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.’ 18Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa.”

19Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba. 20Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no, 21wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa sɛ wonkunkum yɛn.”

22Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me? 23Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn wɔ ɔkwan biara so ɛ.”