出埃及记 28 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 28:1-43

祭司圣衣的规定

1“你要从以色列百姓当中把你的哥哥亚伦和他四个儿子——拿答亚比户以利亚撒以他玛带到你身边,立他们为祭司事奉我。 2你要为你哥哥亚伦做一件圣衣,显出他职位的荣耀和尊贵。 3你要吩咐所有我赋予智慧的巧手裁缝师为亚伦缝制衣服,使他分别出来,做圣洁的祭司事奉我。 4他们要做的圣衣包括胸牌、以弗得、外袍、杂色的内袍、礼冠和腰带。要为你哥哥亚伦及其众子做这样的圣衣,好让他们做祭司事奉我。 5要用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线制作圣衣。

以弗得

6“以弗得要用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线精工制作。 7要在以弗得两边用两条肩带缝合起来。 8用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线精工制作一条带子,缝在以弗得上,连成一整件。

9“你要找两块红玛瑙,刻上以色列十二个儿子的名字, 10按他们的长幼次序,每一块宝石刻上六个名字。 11要用工匠雕刻图章的方法将他们的名字刻在两块宝石上,把宝石镶在两个金框里面。 12然后将镶着金框的宝石缝在以弗得的两条肩带上,作以色列人的纪念石。亚伦要把他们的名字放在肩上,在耶和华面前作纪念。 13要做两个金框, 14并像搓绳子一样用纯金搓成两条金链,把链子连接在镶宝石的金框上。

胸牌

15“要精心制作一个用来明白上帝旨意的胸牌,制作的方法和造以弗得一样,用金线和细麻线及蓝色、紫色、朱红色的线制作。 16胸牌是方形的,长宽各二十二厘米,分成上下两层。 17上面要镶上四行宝石:第一行是红宝石、黄玉和翠玉; 18第二行是绿宝石、蓝宝石和金刚石; 19第三行是紫玛瑙、白玛瑙和紫晶; 20第四行是水苍玉、红玛瑙和碧玉。这些宝石都要用金框围着,镶在胸牌上。 21要用刻图章的方法在每一颗宝石上刻一个以色列儿子的名字,十二颗宝石代表十二支派。

22“要用纯金拧成两条像绳子一样的链子,连在胸牌上, 23造两个金环安在胸牌两端, 24把链子穿在金环上, 25再把金链的另一端接在以弗得肩带的两个金框上。 26造两个金环,安在胸牌下端靠近以弗得内侧的两边。 27再造两个金环安在以弗得前面两条肩带的下端,靠近接缝处,在精致的以弗得腰带上方。 28再用一条蓝色的绳子系住以弗得和胸牌上面的金环,使胸牌贴在精工织成的以弗得腰带上,不会从以弗得上松脱。 29亚伦进圣所时,要佩戴这块刻着以色列众子名字的胸牌,在耶和华面前常作纪念。 30又要把乌陵和土明放在胸牌里面,亚伦到耶和华面前的时候,要佩带这胸牌,以便明白上帝的旨意,为以色列人做决定。

外袍

31“也要缝制一件蓝色的以弗得的外袍, 32袍上要留领口,还要在领口周围织领边,好像铠甲上的领口,免得领口破裂。 33外袍的底边要另外用蓝色、紫色、朱红色的线做成石榴状的饰物,石榴中间要挂金铃铛。 34一个石榴一个金铃铛,相间排列,围在外袍的底边。 35亚伦事奉的时候,要穿上这外袍,以便他进圣所到耶和华面前和出圣所的时候,铃铛会发出响声,他就不至于死。

36“你也要用纯金造一块牌子,以刻印章的方法刻上‘奉献给耶和华’的字样, 37再拿一条蓝色带子,把它系在礼冠前面。 38亚伦要把这金牌戴在额上,表示他承担以色列人献圣物时的过犯,这圣物是以色列百姓特别献上的礼物。这金牌要常常留在亚伦的额上,好使百姓蒙耶和华悦纳。

39“要用杂色的细麻线织成祭司的内袍,用细麻布做礼冠,腰带上要有刺绣, 40也要为亚伦的儿子们缝制内袍、腰带、帽子,显出他们职位的荣耀和尊贵。 41你哥哥亚伦及其众子穿上这些衣服后,你要用油膏立他们,使他们分别出来,做圣洁的祭司事奉我。

裤子

42“要用细麻布为他们做裤子,以遮盖下体,裤子要从腰部到大腿。 43亚伦父子们进出会幕或到圣所的祭坛事奉的时候,都要穿上裤子,免得因为触犯圣礼而死亡。这是亚伦及其子孙永远当遵守的条例。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 28:1-43

Asɔfotade

1“Yi wo nua Aaron ne ne mmabarima Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar na tew wɔn ho na wɔnyɛ asɔfo nsom me. 2Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no. 3Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me. 4Ntade ahorow a wɔbɛpam no ni: adɛbo asɔfotade, atade yuu, atade kɔnsin a ɛyɛ adamadam, abotiri ne nkyekyeremu. Wɔbɛpam ntade kronkron bi nso de ama Aaron mmabarima no. 5Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwen na ɛbɛpam.

6“Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no. 7Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu. 8Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan.

9“Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so. 10Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu. 11Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia. 12Fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so na ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade. 13Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim 14ne ntweaban abien a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare ntetareho a ɛwɔ asɔfotade no mmati so no mu.

15“Momma odwumfo a nʼadwinni yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmu adɛbo no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan na ɛmpam adɛbo no sɛnea mode pam asɔfotade no. 16Mummu adɛbo no nto so na ɛnyɛ sɛ ntama nkotoku. 17Momfa abo a ɛsom bo a ɛsesa so anan mmobɔ mu. Nea a edi kan no nyɛ bogyanambo, nea ɛto so abien no nyɛ akraatebo na nea etwa to no nyɛ ɔbo a ɛte sɛ ahabammono. 18Nsaso a ɛto so abien no nyɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo. 19Nsaso a ɛto so abiɛsa no nso bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo. 20Nsaso a ɛto so anan no bɛyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo. Sikakɔkɔɔ mmuano ntwa ne nyinaa ho nhyia. 21Ɔbo no baako biara begyina hɔ ama Israel mmusuakuw no baako. Na wɔbɛkyerɛw abusua ko no din agu so sɛ nsɔwanode.

22“Ɔkwan a mobɛfa so de adɛbo no afam asɔfotade no mu ni: yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban. 23Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien, na fa tetare adɛbo no twɔtwɔw so. 24Fa sikakɔkɔɔ ntweaban abien no hyehyɛ adɛbo no nkaa abien no twɔtwɔw so, 25ntweaban abien a aka no fa biara nso, wɔmfa ntare ɔbo a ɛte sɛ apopobibiri no apɔw abien no so nsan mfa ntare asɔfotade no mmati so. 26Yɛ sika nkaa abien na fa hyehyɛ adɛbo ntwea abien a ɛwɔ fam no mu. 27San yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ asɔfotade no ntwea so wɔ fam ma ɛnka nkyekyeremu no. 28Fa bibiri hama kyekyere adɛbo no ase na fa hyehyɛ nkaa a ɛwɔ asɔfotade no ase no mu. Eyi remma adɛbo no mfi asɔfotade no ho ntew nsensɛn.

29“Aaron bɛfa saa kwan yi so na ɔde Israel mmusuakuw no din a ɛwɔ adɛbo no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na eyi na ɛbɛma Awurade akae Israelman bere nyinaa mu. 30Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim28.30 Urim ne Tumim yɛ nneɛma bi a wɔnam so hu Onyankopɔn apɛde. a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.

31“Wɔde ntama tuntum na ɛbɛpam asɔfotade no 32na wɔagyaw ɔkwan bi a Aaron de ne ti bewura mu. Ɛsɛ sɛ wɔde ntama a wɔanwen to atade no kɔn mu hyia, na ansuane amfa mu. 33Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. 34Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ adɔmma ne atoaa aba a edi afrafra twa asɔfotade no mmuano ho hyia. 35Bere biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotade yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na dɔn no rewosow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.

36“Afei, boro sikakɔkɔɔ ankasa ma ɛnyɛ tratraa sɛ prɛte na kyerɛw so sɛnea wokurukyerɛw nsɔwanode so no se:

Kronkron Ma Awurade.

37Wɔde ntama tuntum beso mu asensɛn Aaron abotiri no anim. 38Aaron de saa ade no bɛbɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfo no bɔ afɔre biara na mfomso ba ho a, ɛho asodi bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.

39“Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwen Aaron atade kɔnsin no. Ma ɛnyɛ adamadam na fa ntama koro no ara bi pam abotiri na nwen biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. 40Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn. 41Saa ntade yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmabarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfo wɔ ɔsom no mu, na momfa ntew wɔn ho sɛ asɔfo a wɔyɛ me dea.

42“Mompam sirikyi ntade a efi wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntade no agu so. 43Bere biara a Aaron ne ne mmabarima no rekɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔremuka no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a afɔbu bɛba wɔn so ama wɔawuwu.

“Eyi yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmabarima.