出埃及记 14 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 14:1-31

过红海

1耶和华对摩西说: 2“你吩咐以色列人改变方向,在比·哈希录附近的海边扎营,在红海和密夺之间,对面是巴力·洗分3法老必定以为你们走迷了路,被困在旷野。 4我要使法老的心刚硬,使他派兵追赶你们。我要在法老和埃及军兵身上得到荣耀,好叫埃及人知道我是耶和华。”于是,以色列人依言而行。

5有人向埃及王报信,说以色列百姓逃走了。法老和他的臣仆便改变主意,说:“我们怎么可以让以色列人就这样离开我们,不再服侍我们呢?” 6法老便吩咐人预备战车,他亲自领军, 7率领埃及所有的战车,包括六百辆最精锐的战车,每辆车上都有战车长。 8耶和华使法老的心刚硬,法老就追赶毫无惧色地离开埃及以色列人。 9埃及大军的战车骑兵倾巢而出,沿着海边追赶,在巴力·洗分对面的比·哈希录附近追上了正在那里安营的以色列人。

10以色列人看见法老大军追了上来,非常害怕,便呼求耶和华。 11他们对摩西说:“难道埃及没有坟地,要你带我们出来死在旷野吗?为什么要带我们离开埃及呢? 12我们对你说过,别管我们,就让我们服侍埃及人吧。服侍埃及人总比死在旷野好啊!” 13摩西对百姓说:“你们不用害怕,站稳了,看耶和华用什么方法解救你们。你们再也看不到你们今天看到的埃及人了。 14耶和华必为你们争战,你们要保持镇静。” 15耶和华对摩西说:“为什么向我呼求呢?吩咐以色列人往前走吧。 16你举手向海伸出手杖,把海水分开,以色列人可以从中间的干地走过去。 17我要使埃及人的心刚硬,他们会紧追不舍,跟着你们走进海底。我要在法老及其大军、战车和骑兵身上得到荣耀。 18当我在法老及其战车和骑兵身上得到荣耀时,埃及人就知道我是耶和华。”

19这时,在以色列人前面领路的上帝的天使,转到百姓后面,云柱也随着移到后面立住。 20云柱停在埃及军队和以色列人的中间,埃及军队这边一片黑暗,以色列人那边却有光,双方整夜都无法接近对方。

21摩西向海伸出手,耶和华便整夜用强劲的东风吹退海水,将海底变成干地。海水分开后, 22以色列人踏着干地走入海中,海水如两道墙立在他们左右。 23法老的军兵车马紧追不舍,都跟着下到海中。 24到了破晓时分,耶和华从云柱火柱中俯视埃及军队,扰乱他们的队伍。 25祂使他们战车的轮子脱落,难以前行。于是,埃及人说:“我们逃命吧,因为耶和华在帮助以色列人对付我们!”

26耶和华对摩西说:“你向海伸出手,使海水回流,淹没埃及军队。” 27天刚亮的时候,摩西向海伸出手,海水便复原。埃及人纷纷向岸上逃命,耶和华却使大水把他们卷回海中。 28海水回流,法老的战车和人马都淹没在大海之中,全军覆没。 29全体以色列人却在干地上走过红海,海水在他们两边筑成水墙。 30那天,耶和华就这样从埃及人手中拯救了以色列人。后来,以色列人还看见埃及人的尸体横在海边。 31以色列百姓亲眼看见耶和华怎样以大能对付埃及人,他们就敬畏耶和华,又信服祂和祂的仆人摩西

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 14:1-31

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. Sɛ wɔduru hɔ a, wɔnsi wɔn ntomadan wɔ mpoano hɔ. 3Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’ 4Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.

Misraimfoɔ Taa Israelfoɔ

5Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?” 6Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn. 7Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn. 8Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ, na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree kɔ. 9Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfoɔ no so bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntomadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.

10Ɛberɛ a Misraim asraafoɔ no rebɛn Israelfoɔ no, Israelfoɔ no hunuu wɔn firi akyiri sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn akoma tuiɛ, na wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. 11Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no sɛ, “Wode yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, ɛfiri sɛ, adamena nni Misraim a sɛ yɛwuwu a wɔbɛsie yɛn wɔ mu? Adɛn enti na womaa yɛtu firii Misraim? 12Ɛberɛ a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo sɛ ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkaeɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu agu ɛserɛ so ha.”

13Nanso, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monnsuro. Monnyina pintinn na monhwɛ biribi. Na mobɛhunu anwanwakwan a Awurade nam so bɛgye mo afiri atamfoɔ nsam ɛnnɛ. Misraimfoɔ a mohunu wɔn seesei yi, morenhunu wɔn bio. 14Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!”

15Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnkɔ wɔn anim. 16Fa wo poma no. Fa kyerɛ nsuo no so na ɛpo no mu bɛpae ama ɛkwan ada mu ma Israelfoɔ no afa asase wesee so. 17Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam. 18Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ, mene Awurade.”

19Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi. 20Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan.

21Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no sanee nʼakyiri ma asase no yɛɛ wesee. 22Enti Israelfoɔ no faa ɛpo ɛkwan a emu wesee no so. Na nsuo no yɛɛ afasuo wɔ benkum ne nifa maa wɔn.

23Afei, Misraimfoɔ no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini. 24Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne mununkudum no too Misraim dɔm no so maa wɔn ho yeraa wɔn. 25Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.”

26Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no so.” 27Mose yɛɛ saa, na adeɛ kyee anɔpa no, ɛpo no sane nʼakyi tenee sɛdeɛ na ɛteɛ. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔdwane, nanso Awurade maa nsuo no faa wɔn. 28Nsuo no kataa ɛkwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa so. Farao asraafoɔ dodoɔ a wɔfaa ɛpo no mu taa Israelfoɔ no nso, anka ɔbaako koraa.

29Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo yɛ ɔfasuo wɔ benkum ne nifa no so. 30Saa ɛda no Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraimfoɔ nsa mu. Na Israelfoɔ no hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu deda mpoano. 31Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ.