传道书 3 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 3:1-22

万物有时

1天下万物都有定期,

凡事都有定时。

2出生有时,死亡有时;

耕种有时,拔出有时;

3杀戮有时,医治有时;

拆毁有时,建造有时;

4哭泣有时,欢笑有时;

哀伤有时,雀跃有时;

5抛石有时,堆石有时3:5 抛石有时,堆石有时”意义不明,有犹太拉比说是“同房有时,分房有时”。

拥抱有时,避开有时;

6寻找有时,遗失有时;

保存有时,丢弃有时;

7撕裂有时,缝合有时;

沉默有时,发言有时;

8爱慕有时,憎恶有时;

争战有时,和好有时。

9那么,人劳碌做工有什么益处呢? 10我察觉上帝给世人重担,使他们忙碌不休。 11祂使万事各按其时变得美好,又把永恒的意识放在人心里,人却不能测透上帝从始至终的作为。 12我认识到,人生在世没有什么比欢乐、享受更好。 13人人都该吃喝、享受自己劳苦的成果,这是上帝的恩赐。 14我知道,上帝所做的都会存到永远,谁也不能增减。祂这样安排是叫人敬畏祂。 15现在的事并不是新事,未来的事也早已发生过。上帝使过去的事再次出现。

世间的不公

16我又看到日光之下,即使在公道和正义之地也有邪恶。 17我心里想:“不论义人或恶人,上帝必审判,因为万事万务都有受审之时。” 18我又想:“至于世人,上帝试验他们,是要他们知道自己与兽类无异。 19因为人和兽的际遇并无分别,两者都难逃一死,活着都靠一口气。人并不比兽强,一切都是虚空。 20两者都同归一处,出于尘土,也归于尘土。 21谁知道人的气息3:21 气息”或译“灵”,本节同。会向上升,兽的气息会降到地下呢?” 22因此,我觉得没有什么比人享受工作之乐更好,因为这是人当得的。人死后,谁能使他看到世间的事呢?

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 3:1-22

Biribiara Wɔ Ne Bere

1Biribiara wɔ ne bere,

na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.

2Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere,

ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,

3okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere,

obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere,

4agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere,

awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere,

5abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere,

atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,

6adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere,

adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere,

7ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere,

kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,

8ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere,

ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.

9Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu? 10Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. 11Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase. 12Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase. 13Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde. 14Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.

15Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn,

na nea ɛbɛba no nso aba dedaw;

na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.

16Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ:

Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ,

atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.

17Medwenee wɔ me koma mu se,

“Onyankopɔn bebu

atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn,

efisɛ adwuma biara benya ne bere,

nneyɛe biara ne ne bere.”

18Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude. 20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu. 21Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”

22Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?