以西结书 15 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 15:1-8

葡萄树的比喻

1耶和华对我说: 2“人子啊,葡萄木比林中其他木材更好吗? 3葡萄木有什么用呢?能用它制造挂钩挂东西吗? 4它只能用来当柴烧。如果火已经烧了它的两头,中间也烧黑了,它还有什么用呢? 5它完好无损的时候,尚且不能用来制造工具,被火烧后岂不更没用了吗? 6所以,主耶和华说,我怎样把林中的葡萄树丢在火中当柴烧,也必照样丢弃耶路撒冷的居民。 7我必严惩他们。他们纵然火里逃生,仍要被火烧灭。我严惩他们的时候,他们便知道我是耶和华。 8我必使他们的土地荒凉,因为他们对我不忠。这是主耶和华说的。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 15:1-8

Yerusalem, Bobe Duahunu

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman? 3Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana? 4Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana? 5Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no?

6“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa. 7Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene Awurade. 8Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni.”