以弗所书 5 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以弗所书 5:1-33

行事与圣徒的身份相称

1因此,你们既然是上帝疼爱的儿女,就要效法上帝。 2要以爱心待人,像基督爱我们一样,祂为我们牺牲自己作为献给上帝的馨香供物和祭物。

3一切淫乱、污秽或贪婪的事在你们当中连提都不要提,才合乎圣徒的身份。 4污言秽语、愚昧粗俗的谈笑都不合宜,总要说感恩的话才好。 5因为你们清楚知道,淫乱的人、污秽的人,还有贪婪的人,就是拜偶像的人,在基督和上帝的国里没有立足之地。 6不要被虚空的道理欺骗,因为上帝的烈怒必临到上述那些悖逆的人。 7所以,你们不要与他们同流合污。

8你们从前活在黑暗中,现在既然活在主的光明中,行事为人就该像光明的儿女。 9光明总是结出良善、公义和真理的果子。 10你们要察验什么是主所喜悦的事, 11不可参与那些黑暗无益的事,反要揭发斥责, 12因为那些人暗地里做的事就是提起来都觉得可耻。 13然而,一切的事被光一照,都会真相大白, 14因为光能使一切显明出来。因此有人说:

“沉睡的人啊,醒来吧!

从死人中起来吧,

基督要光照你了!”

15因此,你们要注意自己的生活,不要像愚昧人,要像有智慧的人。 16要爱惜光阴,因为现今是个邪恶的世代。 17所以,不要做糊涂人,要明白主的旨意。 18不要醉酒,醉酒会使人放荡,要被圣灵充满。 19要用诗篇、圣乐、灵歌互相激励,从心底唱出赞美主的旋律。 20凡事总要奉我们主耶稣基督的名感谢父上帝。

夫妇之道

21你们要存敬畏基督的心彼此顺服。

22做妻子的要顺服自己的丈夫,如同顺服主基督。 23因为丈夫是妻子的头,正如基督是祂的身体——教会的头,又是教会的救主。 24教会怎样顺服基督,妻子也要照样凡事顺服丈夫。

25做丈夫的要爱妻子,正如基督爱教会,为教会舍己, 26好借着自己的道用水洗净教会,使她圣洁, 27以便把圣洁、完美、没有污点、皱纹等瑕疵的荣耀教会呈献给祂自己。 28同样,做丈夫的也要爱妻子如同爱自己的身体,爱妻子就是爱自己。 29没有人会厌恶自己的身体,人总是珍惜保养身体,正如基督对待教会一样, 30因为我们是祂身上的肢体。 31“因此,人要离开父母,与妻子结合,二人成为一体。” 32这是一个极大的奥秘,然而我是指着基督和教会的关系说的。 33总之,你们做丈夫的都要爱妻子如同爱自己,做妻子的也要敬重丈夫。

Asante Twi Contemporary Bible

Efesofoɔ 5:1-33

1Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no 2na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.

3Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron. 4Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase. 5Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi. 6Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.

8Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma. 9Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, 10na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 11Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma. 12Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so. 13Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ,

“Nyane, wo a woada,

na sɔre firi awufoɔ mu,

na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”

15Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. 16Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. 18Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, 20na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

21Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Ɔyerenom Ne Okununom

22Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua. 24Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.

25Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, 27de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. 28Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no, 30na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. 31“Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.” 32Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.