1 Летопись 28 – CARSA & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

1 Летопись 28:1-21

Замыслы Давуда о храме

1Давуд собрал в Иерусалиме всех сановников Исраила: вождей родов, начальников во главе воинских отделений, которые служили царю, тысячников и сотников, сановников, надзирающих за всем добром и скотом, принадлежащим царю и его сыновьям, и придворных вместе с могучими и доблестными воинами.

2Царь Давуд встал и сказал:

– Послушайте меня, мои братья и мой народ! Я хотел построить дом, чтобы там покоился сундук соглашения с Вечным – подножие для ног нашего Бога, и сделал приготовления к строительству. 3Но Аллах сказал мне: «Ты не построишь дома для поклонения Мне, потому что ты воин и проливал кровь». 4Но Вечный, Бог Исраила, избрал меня из всей моей семьи, чтобы мои потомки были царями Исраила навеки. Он избрал Иуду вождём28:4 См. Нач. 49:10., из дома Иуды избрал мою семью, а из всех сыновей моего отца Ему было угодно сделать царём всего Исраила меня28:4 См. 1 Цар. 16:1-3.. 5Из всех моих сыновей – а Вечный дал мне их много – Он избрал моего сына Сулеймана, чтобы он сел на престоле царства Вечного над Исраилом28:5 См. 22:9, а также 2 Цар. 7:12; 12:24-25.. 6Он сказал мне: «Сулейман, твой сын, построит Мой дом и Мои дворы, потому что Я избрал его, чтобы он был Мне сыном, а Я буду ему Отцом. 7Я утвержу его царство навеки, если он будет неуклонно исполнять Мои повеления и законы, как это делается сейчас».

8И теперь, перед глазами всего Исраила и собрания Вечного, вслух перед нашим Богом, я поручаю вам: тщательно исполняйте все повеления Вечного, вашего Бога, чтобы вам всегда владеть этой прекрасной землёй и передать её в вечное наследие вашим потомкам.

9И ты, Сулейман, сын мой, знай Бога твоего отца и служи Ему всем сердцем и всей душой, ведь Вечный испытывает всякое сердце и понимает всякий замысел и всякую мысль. Если ты будешь искать Его, то найдёшь Его, но если ты оставишь Его, Он отвергнет тебя навсегда. 10Смотри же, ведь Вечный избрал тебя, чтобы ты построил дом для святилища. Будь твёрд и действуй!

11И Давуд отдал своему сыну Сулейману план притвора храма, его зданий, кладовых, верхних помещений, внутренних комнат и места для очищения грехов. 12Он отдал ему чертежи всего, что у него было на душе28:12 Или: «что было открыто ему Духом». относительно двора вокруг дома Вечного, всех комнат вокруг него, сокровищниц дома Аллаха и сокровищниц для посвящённых вещей. 13Он дал ему наставления о священнослужителях и левитах, о всём деле служения в храме Вечного и обо всех предметах, которыми пользуются при службе. 14Он установил, сколько должны весить золотые предметы для различных служений и сколько – серебряные: 15сколько золота и серебра должно пойти на каждый подсвечник и светильник, в зависимости от его назначения; 16сколько золота должно пойти на столы для священного хлеба и сколько серебра – на столы серебряные; 17сколько чистого золота нужно на вилки, кропильные чаши и кувшины; сколько золота и серебра на блюда 18и сколько очищенного золота на жертвенник для возжигания благовоний. Ещё он отдал ему план для колесницы с херувимами из золота, которые простирали свои крылья над сундуком соглашения с Вечным, укрывая его.

19– Всё это, – сказал Давуд, – заключено в плане, написанном по указаниям, которые Вечный Сам дал мне.

20Ещё Давуд сказал своему сыну Сулейману:

– Будь твёрд и мужествен и действуй! Не бойся, не падай духом, потому что Вечный Бог, мой Бог, с тобой. Он не покинет и не оставит тебя, пока не будет завершена вся работа над храмом Вечного. 21Священнослужители и левиты готовы к любой работе в храме Аллаха, и всякий доброволец, искусный в каком бы то ни было ремесле, будет помогать тебе в работе, а вельможи и весь народ будут слушаться всех твоих повелений.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 28:1-21

Dawid Akwankyerɛ A Ɔde Maa Salomo

1Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no.

2Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi, 3nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’

4“Nanso, Awurade, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene. 5Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so. 6Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. 7Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’

8“Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.

9“Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. 10Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”

11Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo. 12Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. 13Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ. 14Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia. 15Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so. 16Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no. 17Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara. 18Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ Awurade Adaka no so.

19Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde twerɛ maa me.”

20Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ. 21Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”