Неемия 4 – CARSA & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Неемия 4:1-23

Противодействие строительству стены

1Когда Санбаллат услышал о том, что мы строим стену, он разозлился и сильно разгневался. Он издевался над иудеями 2и перед своими союзниками и самарийским войском говорил:

– Что делают эти жалкие иудеи? Неужели они восстановят свою стену? Неужели они станут приносить жертвы? Неужели они когда-нибудь закончат строительство? Неужто они оживят камни, притом обожжённые, из этих груд праха?

3Аммонитянин Товия, стоящий рядом с ним, сказал:

– Да что они там строят, если даже лисица, взобравшись на эту каменную стену, обрушит её?!

4Услышь нас, Бог наш, потому что мы в презрении. Обрати их оскорбления на их же головы. Отдай их как добычу в землю плена. 5Не покрывай их вины и грехов их не удаляй от Своих глаз, потому что они оскорбляли строителей.

6И мы строили стену, и она достигла половины своей высоты, потому что народ работал от всего сердца. 7Но когда Санбаллат, Товия, арабы с аммонитянами и жители города Ашдода услышали о том, что восстановление иерусалимских стен продвигается и проломы заделываются, они очень разозлились. 8Все вместе они сговорились пойти на Иерусалим войной и устроить в нём беспорядки. 9Но мы молились нашему Богу и выставляли против них стражу днём и ночью, чтобы отвратить эту угрозу.

10А тем временем народ иудейский говорил:

– Силы носильщиков на исходе, а здесь так много мусора, что мы не можем отстраивать стену.

11А наши враги говорили:

– Прежде чем они узнают о том, что происходит, или увидят нас, мы окажемся прямо среди них, перебьём их и остановим работу.

12Иудеи, которые жили рядом с ними, приходили и раз десять говорили нам:

– Со всех сторон они пойдут на нас.

13Тогда я разместил народ за самыми низкими участками стены на открытых местах, поставив их по семьям, с мечами, копьями и луками. 14Осмотрев всё, я встал и сказал знати, начальникам и остальному народу:

– Не бойтесь их. Помните Владыку, Который велик и грозен, и сражайтесь за своих братьев, сыновей, дочерей, жён и дома.

15Когда наши враги услышали, что мы знаем об их сговоре и о том, что Аллах расстроил их планы, мы все вернулись к стене, каждый – к своей работе. 16С того дня и впредь половина моих слуг трудилась на постройке, а другая половина держала копья, щиты, луки и латы. Вожди находились позади всего народа иудейского, 17который строил стену. Носильщики тяжестей делали свою работу одной рукой, а в другой держали оружие, 18и каждый из строителей во время работы был препоясан мечом. А трубач находился рядом со мной.

19И я сказал знати, начальникам и остальному народу:

– Работа велика и обширна, и мы разбросаны по стене далеко друг от друга. 20Где бы вы ни услышали звук рога, бегите к нам туда, откуда доносится звук. Наш Бог будет сражаться за нас!

21И мы продолжали работу, и половина людей стояли с копьями от ранней зари до появления звёзд. 22В то время я ещё сказал народу:

– Пусть каждый человек и его помощник ночуют в Иерусалиме, чтобы они могли сторожить ночью и работать днём.

23Ни я, ни мои братья, ни мои слуги, ни стражники, которые меня сопровождали, не снимали одежд; каждый держал своё оружие в руке, даже когда ходил за водой.

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 4:1-23

Atamfoɔ Tia Nsiesie No

1Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ, 2wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”

3Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!”

4Na mebɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛ. Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ wɔ amamfrafoɔ asase so. 5Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri sɛ, wɔahyɛ wo abufuo wɔ adansifoɔ yi anim.”

6Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.

7Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie. 8Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ. 9Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.

10Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

11Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”

12Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.”

13Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan. 14Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.”

15Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so.

16Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee wɔ hɔ a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee hɔ. Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a 17na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma wɔ ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu. 18Adansifoɔ no mu biara wɔ akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn.

19Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitire ne adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Adwuma no atrɛ, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasuo no so. 20Na sɛ mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no wɔ. Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn.”

21Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn. 22Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu. 23Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.