Исход 22 – CARSA & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Исход 22:1-31

Законы об имуществе

1– Если кто-то украдёт вола или овцу и зарежет их или продаст, то он заплатит пять волов за вола и четыре овцы за овцу. 2Если вора застигнут при взломе и изобьют так, что он умрёт, то тот, кто его бил, не виноват в убийстве. 3Но если это случится после восхода солнца, тогда он виноват. Вор должен возместить украденное. Если у него ничего нет, то пусть его продадут в рабство, чтобы возместить украденное. 4Если краденый скот будет найден у него живым, то всё равно, вол это, осёл или овца, он должен заплатить вдвое.

5Если кто-то потравит чужое поле или виноградник, пустив скотину на чужое поле, то пусть возместит за потраву лучшим урожаем со своего поля или виноградника.

6Если загорится огонь и, охватив терновые кусты, спалит скирды или несжатое зерно в поле, то тот, кто пустил огонь, должен возместить сгоревшее.

7Если кто-то отдаст ближнему на хранение серебро или вещи и их украдут из дома поручившегося, то вор, если его поймают, заплатит вдвое. 8Но если вора не найдут, поручившийся должен предстать перед судьями22:8 Или: «перед Аллахом». и поклясться, что не посягал на чужое добро. 9При всяком споре о праве на имущество, будь то вол, осёл, овца, одежда или другое пропавшее имущество, о котором кто-то говорит: «Это моё», обе стороны должны представить дело судьям22:9 Или: «Аллаху».. Тот, кого судьи22:9 Или: «Аллах». объявят неправым, заплатит истцу вдвое.

10Если кто-то отдаст ближнему осла, вола, овцу или другую скотину на хранение и она умрёт, или будет покалечена, или угнана, когда никто не видит, 11то его спор с ответчиком будет решён клятвой перед Вечным, что ответчик не посягал на чужое добро. Истец должен принять клятву, и возмещения не будет. 12Но если скотину у ответчика украли, то он должен возместить истцу за украденное. 13Если скотину растерзали дикие звери, то пусть ответчик принесёт труп животного для доказательства. Тогда он не будет возмещать убытки за растерзанное животное.

14Если кто-то возьмёт у ближнего скотину взаймы, а она получит увечье или умрёт, когда хозяина не будет рядом, то он должен возместить. 15Но если хозяин будет в тот момент рядом, то взявший её взаймы не будет платить. Если скотина была взята внаём, пусть потерю покроет плата за наём.

Общественные законы

16– Если человек соблазнит девушку, которая не давала обещания выйти замуж, и переспит с ней, то он должен заплатить свадебный выкуп, и она станет его женой. 17Если же отец откажется отдать её ему, он всё равно должен заплатить выкуп, какой полагается за девушку.

18Не оставляй в живых колдунью.

19Всех, кто совокупляется с животными, следует предать смерти.

20Всех, кто приносит жертвы иному богу, кроме Вечного, следует истребить.

21Не притесняйте поселенцев, не угнетайте их: вы сами были поселенцами в Египте.

22Не притесняйте вдов и сирот. 23Если вы будете делать это, они призовут на помощь Меня, и Я непременно услышу. 24Мой гнев вспыхнет, и Я убью вас мечом. Ваши жёны сами станут вдовами, а дети – сиротами.

25Если даёте взаймы бедняку из Моего народа, то не будьте как ростовщики – не налагайте процентов. 26Если возьмёте у ближнего в залог одежду, то верните её к закату: 27может быть, ему больше нечем укрыться, кроме этой одежды. Как ему спать без неё? Когда он взмолится ко Мне, Я услышу, потому что Я милостив.

28Не оскорбляйте судей22:28 Или: «Аллаха». и не проклинайте вождя вашего народа.

29Не медлите совершать приношения из ваших амбаров и кувшинов.

Отдавайте Мне первенцев из своих сыновей. 30Отдавайте Мне первородное из крупного и мелкого скота. Пусть животные остаются семь дней с матерью, а на восьмой день отдавайте их Мне.

31Будьте Моим святым народом: не ешьте мясо животного, растерзанного дикими зверями. Бросьте его собакам.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 22:1-31

Agyapadeɛ Ho Banbɔ

1“Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu.

2“Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ. 3Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ.

“Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no. 4Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim.

5“Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka.

6“Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka.

7“Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim. 8Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. 9Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no.

10“Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a, 11ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu. 12Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.

14“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.

Abrabɔ Ho Mmara

16“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no. 17Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika.

18“Monkum mmaa nkonyaayifoɔ.

19“Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wɔnkum no.

20“Obiara a ɔbɛfiri Awurade akyiri abɔ onyame foforɔ bi afɔdeɛ no, wɔnkum no.

21“Monnhyɛ ɔhɔhoɔ aniɛyaadeɛ ɛkwan biara so; na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so.

22“Monnsisi akunafoɔ anaa nwisiaa; 23na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so. 24Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi.

25“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no. 27Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ.

28“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.

29“Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so.

“Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no. 30Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.

31“Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe.