Забур 107 – CARSA & ASCB

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Забур 107:1-14

Песнь 107

(Заб. 56:8-12; 59:7-14)

1Песнопение Давуда.

2Сердце моё твёрдо, Аллах;

буду петь и славить Тебя всей душой.

3Пробудитесь, лира и арфа!

Я проснусь на заре.

4Восхвалю Тебя, Вечный, среди народов,

воспою Тебя среди племён,

5потому что милость Твоя превыше небес,

и верность Твоя достигает облаков.

6Выше небес будь превознесён, о Аллах;

над всей землёй да будет слава Твоя!

7Сохрани нас Своей правой рукой и ответь нам,

чтобы спаслись возлюбленные Тобой.

8Аллах обещал в Своём святилище:

«Я разделю, торжествуя, город Шехем

и долину Суккот размерю для Своего народа107:8 Шехем здесь представляет всю территорию на западе от реки Иордан, а долина Суккот – на востоке..

9Мой Галаад и Мой Манасса,

Ефраим – Мой шлем,

Иуда – Мой скипетр107:9 Галаад – земля на востоке от Иордана. Роду Манассы принадлежали земли как на востоке, так и на западе от реки, а родам Ефраима и Иуды – северная и южная части земли на западе от Иордана. Ефраим и Иуда были наиболее влиятельными родами в Исраиле, а шлем и скипетр символизируют их военную мощь и царскую власть (царь Давуд и его потомки были из рода Иуды)..

10Моав служит Мне умывальной чашей для ног,

Я предъявлю Свои права на Эдом107:10 Букв.: «Я брошу Свою сандалию на Эдом».,

над землёй филистимлян торжествующе воскликну».

11Кто приведёт меня в укреплённый город?

Кто доведёт меня до Эдома?

12Не Ты ли, Аллах, Который нас отринул

и теперь не выходишь с войсками нашими?

13Окажи нам помощь в борьбе с врагом,

потому что людская помощь бесполезна.

14С Аллахом мы одержим победу;

Он низвергнет наших врагов.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 107:1-43

NWOMA A ƐTƆ SO NNUM

Nnwom 107–150

Dwom 107

1Monna Awurade ase na ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,

wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no,

3wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no,

ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ.

4Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so,

a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ.

5Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn

na wɔtotɔɔ baha.

6Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

7Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so

baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu.

8Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho

ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

9Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo

na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.

10Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu,

nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,

11ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua

na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa.

12Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den;

wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ.

13Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

14Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu

na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

15Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho

ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

16Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono

na ɔtwitwa nnadeban mu.

17Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti

na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti.

18Wɔkyirii aduane nyinaa

na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano.

19Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

20Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ;

na ɔgyee wɔn firii ɛda mu.

21Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho

ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

22Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ

na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.

23Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so;

wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so.

24Wɔhunuu Awurade nnwuma,

nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu.

25Ɔkasaeɛ maa ahum tui

na ɛkukuruu asorɔkye.

26Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn;

wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui.

27Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ;

na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio.

28Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

29Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;

ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.

30Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no,

na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.

31Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho

ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

32Wɔmma ne so wɔ asafo no mu

na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.

33Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ,

asutene yɛɛ asase wesee,

34na asasebereɛ danee nkyenenkyene,

wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti.

35Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa

na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu;

36Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe,

na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.

37Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo

na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree.

38Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ.

Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.

39Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ

na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase;

40deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no

ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.

41Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu

na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo.

42Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye,

nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano.

43Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom,

na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.