Судьи 4 – CARS & ASCB

Священное Писание

Судьи 4:1-24

Пророчица Девора

1После того как Ехуд умер, исраильтяне снова стали творить зло в глазах Вечного. 2И Вечный отдал их в руки Иавина, царя Ханаана, который правил в городе Хацоре. Начальником его войска был Сисара, который жил в Харошет-Гоиме. 3У него было девятьсот железных колесниц, и он двадцать лет жестоко притеснял исраильтян. Поэтому они воззвали к Вечному о помощи.

4В то время судьёй в Исраиле была пророчица Девора, жена Лаппидота. 5Она сидела под пальмой Деворы, между Рамой и Вефилем в нагорьях Ефраима, и исраильтяне приходили к ней решать свои тяжбы. 6Она послала за Вараком, сыном Авиноама, из Кедеша, что в земле Неффалима, и сказала ему:

– Вечный, Бог Исраила, повелевает тебе: «Иди, возьми с собой десять тысяч человек из родов Неффалима и Завулона и веди их на гору Фавор. 7Я приведу Сисару, начальника войска Иавина, с его колесницами и воинами к реке Кишон и отдам его в твои руки».

8Варак сказал ей:

– Если ты пойдёшь со мной, то пойду и я, а если ты со мной не пойдёшь, то и я не пойду.

9– Хорошо, – сказала Девора, – я пойду с тобой. Но тогда этот путь не приведёт тебя к славе, потому что Вечный отдаст Сисару в руки женщины.

И Девора пошла с Вараком в Кедеш, 10где он призвал Завулона и Неффалима. За ним последовало десять тысяч человек, и Девора также пошла с ним.

11Кеней Хевер отделился от остальных кенеев, потомков Ховава, шурина Мусы, и разбил свой шатёр у великого дерева, что в Цаананниме, рядом с Кедешем.

12Когда Сисаре донесли, что Варак, сын Авиноама, поднялся на гору Фавор, 13Сисара собрал свои девятьсот железных колесниц и всех своих людей из Харошет-Гоима возле реки Кишон. 14Тогда Девора сказала Вараку:

– Иди! Это день, когда Вечный отдал Сисару в твои руки. Разве сам Вечный не идёт перед тобой?

И Варак спустился с горы Фавор, а вслед за ним десять тысяч человек. 15Вечный привёл Сисару, и все его колесницы, и войско в замешательство перед Вараком, и Сисара, сойдя с колесницы, бежал пешим. 16А Варак преследовал его колесницы и войско до самого Харошет-Гоима. Все воины Сисары пали от меча, никого не осталось в живых.

17Но Сисара побежал к шатру Иаили, жены кенея Хевера, потому что между Иавином, царём Хацора, и кланом кенея Хевера был мир. 18Иаиль вышла Сисаре навстречу и сказала ему:

– Заходи, мой господин, заходи ко мне. Не бойся.

Он вошёл в её шатёр, и она укрыла его ковром.

19– Я хочу пить, – сказал он. – Пожалуйста, дай мне воды.

Она открыла бурдюк с молоком, дала ему напиться и укрыла его.

20– Встань у входа в шатёр, – сказал он ей. – Если кто-нибудь придёт и спросит у тебя: «Есть ли кто здесь?» – скажи: «Нет».

21Но Иаиль, жена Хевера, взяла кол от шатра и молоток и тихо подошла к Сисаре, когда он, утомившись, уснул. Она пронзила ему висок так, что приколола его к земле, и он умер. 22Когда появился Варак, который гнался за Сисарой, Иаиль вышла к нему навстречу.

– Идём, – сказала она, – я покажу тебе человека, которого ты ищешь.

Он вошёл в её шатёр – там лежал мёртвый Сисара, и висок его был пронзён колом.

23В тот день Всевышний даровал исраильтянам победу над ханаанским царём Иавином. 24И рука исраильтян над ним становилась всё сильнее и сильнее, пока они не уничтожили его.

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 4:1-24

Debora Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. 2Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. 3Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

4Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ. 5Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm. 6Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ. 7Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

8Barak ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!”

9Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes. 10Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.

11Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ4.11 Ɛfiri Mose berɛ so na Kenifoɔ ne Israelfoɔ yɛ baako (2 Mose 3.1). Ɛberɛ a wɔdi Kanaanfoɔ so no, wɔne Israelfoɔ na wɔko tiaa wɔn (2 Ah 1.6). a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.

12Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so no, 13ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.

14Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ. 15Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.

16Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. 17Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.

18Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so.

19Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.

20Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.”

21Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ.

22Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.

23Ɛda no na Israel hunuu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. 24Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii sɛ akyire yi, wɔsɛee no.