Второзаконие 17 – CARS & ASCB

Священное Писание

Второзаконие 17:1-20

1Не приноси в жертву Вечному, твоему Богу, вола или овцу с каким бы то ни было изъяном или недостатком, потому что это будет Ему отвратительно.

2Если найдутся у тебя в одном из городов, которые даёт тебе Вечный, мужчина или женщина, творящие зло в глазах Вечного, твоего Бога, и нарушающие Его священное соглашение; 3если кто-нибудь, вопреки моему повелению, будет служить другим богам, поклоняясь им, или солнцу, или луне, или звёздам, 4и ты узнаешь об этом, то тщательно расследуй это дело. Если это окажется правдой и будет доказано, что в Исраиле было сделано такое отвратительное дело, 5то приведи мужчину или женщину, которые сделали это, к городским воротам и забей их камнями до смерти. 6Человек может быть предан смерти по свидетельству двух или трёх очевидцев, но никого нельзя предавать смерти по показанию только одного свидетеля. 7Свидетели должны первыми бросить в него камень, а потом и все остальные. Ты должен искоренить зло из среды своего народа.

Суды

8Если на твой суд представят дело, которое слишком трудно рассудить, – будь то кровопролитие, тяжба или побои, – то приведи судящихся на место, которое выберет Вечный, твой Бог. 9Пойди к священнослужителям-левитам и к судье, который будет в те дни, и спроси их. Они объявят тебе судейское решение. 10А ты должен поступить в соответствии с решением, объявленным на месте, которое выберет Вечный. Смотри, сделай всё, что они скажут тебе. 11Поступи по Закону, которому они тебя научат, и по решению, которое они тебе дадут. Не уклоняйся от того, что они тебе скажут, ни вправо, ни влево. 12Тот, кто поступит дерзко и не послушает судью или священнослужителя, который служит Вечному, твоему Богу, должен быть предан смерти. Ты должен искоренить зло в Исраиле. 13Весь народ услышит об этом и испугается и впредь не будет дерзким.

Царь

14Когда ты войдёшь в землю, которую даёт тебе Вечный, твой Бог, завладеешь ею, поселишься в ней и скажешь: «Поставлю-ка я над собой царя, как все народы вокруг», 15то поставь царя, которого выберет Вечный, твой Бог. Он должен быть из твоего народа. Не ставь над собой чужеземца, который будет не из твоего народа. 16Царь не должен приобретать множества коней и отправлять народ назад в Египет, чтобы приобрести ещё больше, потому что Вечный сказал вам: «Вы не должны возвращаться этим путём». 17Он не должен брать себе много жён, иначе его сердце развратится. Он не должен набирать для себя слишком много серебра и золота.

18Заняв царский престол, он должен написать на свитке копию этого Закона, снятую с той, что у священнослужителей-левитов. 19Она должна быть у него, и он должен читать её всю свою жизнь, чтобы учиться чтить Вечного, своего Бога, и прилежно следовать всем словам этого Закона и этим установлениям: 20не мнить себя лучше всех своих соплеменников-исраильтян и не уклоняться от повеления ни вправо, ни влево. Тогда он и его потомки будут долгое время царствовать над Исраилом.

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 17:1-20

1Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ.

2Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no 3sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na 4sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a, 5momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no. 6Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi. 7Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu.

Asɛnniiɛ

8Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no. 9Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo. 10Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. 11Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. 12Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel. 13Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio.

Ɔhene

14Sɛ moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,” 15monhwɛ sɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene. 16Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.” 17Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano.

18Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa. 19Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn. 20Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.