1. Kongebog 14 – BPH & ASCB

Bibelen på hverdagsdansk

1. Kongebog 14:1-31

Ahija udtaler Guds dom over Jeroboam og Nordriget

1Så skete det, at Jeroboams søn Abija blev alvorligt syg. 2Jeroboam sagde derfor til sin kone: „Forklæd dig godt, så ingen kan se, at du er min kone, og gå hen til profeten Ahija i Shilo—ham, som forudsagde, at jeg ville blive konge. 3Tag en gave med til ham—ti brød, nogle figenkager og en krukke honning—så han kan fortælle dig, hvad der vil ske med drengen.”

4Så forklædte hun sig og tog af sted til Ahijas hus i Shilo. Profeten var meget gammel, og han havde mistet synet på grund af alderdom. 5Men Herren sagde til ham: „Jeroboams kone kommer for at søge råd om sin søn, der er syg. Hun er forklædt.” Og Herren gav ham besked om, hvad han skulle sige til hende, når hun kom.

6Så da Ahija hørte fodtrin uden for døren, råbte han: „Kom ind, Jeroboams kone! Hvorfor har du forklædt dig?” Så tilføjede han: „Jeg har dårligt nyt til dig. 7Herren, Israels Gud, siger til din mand: ‚Jeg gjorde dig til konge over Nordriget, selv om du ikke var af kongeslægt. 8Jeg tog herredømmet ud af hænderne på Davids slægt og gav det til dig. Men du har ikke adlydt mig, sådan som min tjener David gjorde, for han adlød mig af hele sit hjerte og ønskede at gøre min vilje. 9Du, derimod, har gjort mere ondt end dine forgængere! Du har lavet afguder og støbt guldkalve! Du har krænket og forkastet mig. 10Derfor vil jeg straffe dig. Hver eneste mand og dreng i din slægt vil jeg udrydde. Ja, jeg vil snart udrydde din slægt, som man brænder affald og intet bliver tilbage. 11Dem fra din slægt, der bliver dræbt i byen, skal hundene æde, og dem, som bliver dræbt på landet, skal fuglene æde.’

12Gå du nu hjem, Jeroboams kone! Så snart du kommer tilbage til byen, vil din søn dø, 13og hele Nordriget vil sørge over ham. Men den søn bliver den eneste i din familie, som får en ordentlig begravelse, for han er den eneste af jer, som Herren, Israels Gud, ser noget godt i. 14Efter Jeroboams død vil Herren lade en anden mand komme til magten i Nordriget, som vil udrydde resten af Jeroboams slægt. 15Siden hen vil Herren straffe hele Nordriget. Som et siv, der rykkes op og rives med af en kraftig vandstrøm, sådan vil Israels folk blive rykket op fra det frugtbare land, deres forfædre fik i eje, og de vil ende ovre på den anden side af Eufratfloden, for de har vakt Herrens vrede ved at dyrke afguder og opstille Asherapæle. 16Ja, han vil lade Israel sejle sin egen sø, fordi Jeroboam syndede og fik hele folket til at følge sit dårlige eksempel.”

17Efter at have fået dette budskab vendte Jeroboams kone tilbage til Tirtza, som var Nordrigets hovedstad, og i samme øjeblik hun trådte over dørtærsklen, døde drengen. 18Der blev straks udråbt landesorg, sådan som Herren havde forudsagt gennem profeten Ahija.

19Hvad Jeroboam ellers foretog sig—hans krigsbedrifter og øvrige politiske virke—er nedskrevet i Israels kongers krønikebog.14,19 Enhver konge havde ansat en eller flere historieskrivere, som nedskrev love og væsentlige begivenheder. Disse bøger er dog gået tabt i tidens løb, men forfatteren til denne bog har brugt dem som kildeskrifter. 20Han regerede i 22 år, og da han døde, overtog hans søn Nadab tronen.

Judas folk begynder også at dyrke afguder

21I mellemtiden regerede Rehabeam, Salomons søn, i Juda. Han var 41 år gammel, da han overtog tronen, og han regerede i Jerusalem, Herrens udvalgte by, i 17 år. Hans mor hed Na’ama og var ammonit.

22Men under kong Rehabeam opførte Judas folk sig ikke bedre end Nordrigets folk under Jeroboam. De var tilsvarende ulydige imod Herren og provokerede ham med deres synd—ja, de syndede endnu værre end deres forfædre. 23De byggede afgudsaltre, rejste frugtbarhedssymboler og Asherapæle på alle høje bakker og under de store, skyggefulde træer. 24Den religiøse prostitution blomstrede på disse afgudshøje, og både mænd og kvinder var prostituerede. Judæerne blev efterhånden lige så perverse, som de folkeslag, Herren i sin tid havde jaget ud af landet for at skaffe plads til sit folk.

Egypterkongen plyndrer templets og paladsets guldskatte

25I Rehabeams femte regeringsår angreb kong Shishak af Egypten Jerusalem og erobrede byen. 26Egypterkongen plyndrede både Herrens hus og kongens palads og ribbede byen for kostbarheder, blandt andet de guldskjolde, som Salomon havde ladet fremstille. 27Bagefter fik Rehabeam lavet nogle efterligninger i bronze, som paladsgarden så brugte, 28hver gang de eskorterede kongen til templet. Derefter blev de hængt tilbage i depotet, hvor de blev opbevaret.

Rehabeam dør og efterfølges på tronen af sin søn

29Hvad der ellers skete under kong Rehabeams regeringstid er nedskrevet i Judas kongers krønikebog. 30Der var til stadighed fjendtligheder mellem Rehabeam og Jeroboam. 31Da Rehabeam døde, blev han begravet i familiegravstedet i Davidsbyen. Hans mor var fra Ammon og hed Na’ama, og hans søn Abija blev konge efter ham.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 14:1-31

Ahiya Nkɔmhyɛ A Ɛtia Yeroboam

1Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden. 2Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo. 3Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.”

4Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ. 5Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.”

6Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7Fa saa nkra yi a ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam sɛ, ‘Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. 8Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te sɛ me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. 9Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane sɛ woadane wʼakyi akyerɛ me enti, 10mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no. 11Me, Awurade, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’ ”

12Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere sɛ, “Kɔ efie, na sɛ wowura kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu. 13Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na Awurade, Israel Onyankopɔn, hunu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu. 14Na Awurade bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu. 15Na Awurade bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo. 16Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”

17Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ. 18Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no.

19Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu. 20Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Rehoboam Di Ɔhene Wɔ Yuda

21Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene wɔ Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, kuro a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuo no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuu wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo. 23Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia wɔ bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a Awurade pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no.

25Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so. 26Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho. 27Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa sɛ wɔnhwɛ so. 28Ɛberɛ biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ bi, na sɛ ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu.

29Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 30Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.