Yosua 5 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 5:1-15

1Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.

Israelfoɔ Sane Yɛ Apam No Ho Amanneɛ

2Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.” 3Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia wɔ Aaralot kokoɔ so.

4Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so. 5Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. 6Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no. 7Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no. 8Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome wɔ atenaeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.

9Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so.” Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ hɔ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ.

10Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no. 11Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye. 12Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.

Awurade Sahene Hyia Yosua

13Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?”

14Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?”

15Awurade asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.