Yosua 20 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 20:1-9

Dwanekɔbea Nkuropɔn

1Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 2“Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no. 3Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were. 4Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. 5Sɛ owufoɔ no abusuafoɔ ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛsiane. 6Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.”

7Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so. 8Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii sɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase. 9Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.