Yosua 2 – ASCB & BPH

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 2:1-24

Rahab Bɔ Akwansrafoɔ Ho Ban

1Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.

2Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”

4Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ. 5Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6(Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.) 7Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu.

8Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, 9“Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. 10Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no. 11Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.

12“Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ, 13moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.”

14Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.”

15Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam. 16Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”

17Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so. 20Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.”

21Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.”

Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano.

22Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara. 23Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24Wɔkaa sɛ, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”

Bibelen på hverdagsdansk

Josvabogen 2:1-24

Rahab skjuler spionerne

1Fra israelitternes lejr ved Shittim på Moabs sletter havde Josva i al hemmelighed sendt to spioner af sted over floden for at undersøge landet, især Jeriko. De tog af sted og kom til et hus i Jeriko, hvor der boede en kvinde ved navn Rahab, som var prostitueret. Der fik de lov til at overnatte.

2Men da Jerikos konge fik at vide, at der var kommet nogle israelitter til byen den aften for at udspionere landet, 3sendte han straks nogle af sine folk til Rahabs hus: „Udlever de mænd, som er i dit hus,” beordrede de. „De er spioner.”

4Rahab havde allerede skjult mændene, så hun svarede: „Der kom ganske rigtig to mænd til mit hus, men jeg vidste ikke, hvor de kom fra. 5De er her ikke længere, for de forlod byen inden solnedgang, da byporten skulle lukkes. Jeg ved ikke, hvor de tog hen, men hvis I skynder jer, kan I sikkert nå at indhente dem.” 6Rahab havde ført mændene op på det flade tag og gemt dem under noget hør, hun havde liggende til tørre deroppe.

7Kongens mænd skyndte sig af sted i retning af Jordanflodens vadesteder, og byporten blev lukket forsvarligt, så snart de var taget af sted.

8Imens gik Rahab op på taget for at tale med mændene, inden de lagde sig til at sove. 9„Jeg ved, at Herren har givet jer vores land,” sagde hun. „Vi er alle sammen frygtelig bange for jer. 10Vi har jo hørt, hvordan Herren åbnede en vej for jer gennem Det Røde Hav, dengang I forlod Egypten. Vi ved også, hvordan det gik amoritterkongerne Sihon og Og på den anden side af Jordanfloden, da I ødelagde deres land og udryddede befolkningen. 11Så det er ikke underligt, at vi har tabt modet. Ingen tør kæmpe imod jer, når de ved, at Herren, jeres Gud, er den øverste Gud i Himlen og på jorden. 12-13Derfor vil jeg bede jer om én ting: Sværg ved jeres Guds hellige navn, at I vil hjælpe mig og min familie, ligesom jeg nu hjælper jer. Giv mig et sikkert tegn på, at I vil skåne mig og min mor og far, mine brødre og søstre og deres familier, så vi ikke skal dø, når I erobrer Jeriko.”

14„Liv for liv!” svor mændene. „Hvis du ikke forråder os, vil vi sørge for, at du og din familie bliver skånet, når Herren giver os sejr over jeres land.”

15Rahabs hus var bygget i ét med bymuren og havde et vindue, der vendte udad. Hun tog nu et reb og gjorde klar til at fire dem ned på ydersiden af bymuren. 16„Gå væk fra floden og op i bjergene,” sagde hun til dem, „og gem jer der i tre dage, indtil jeres forfølgere giver op og kommer tilbage til byen. Så kan I roligt vende hjem.”

17-18Inden spionerne forsvandt, sagde de: „Den ed, du har fået os til at sværge, gælder kun, hvis du binder den her røde snor fast i vinduet, og hvis I alle holder jer inden døre. 19Hvis nogen forlader huset her, er det deres egen skyld, hvis de mister livet. Men vi står inde for, at der ikke vil ske noget med dem, der bliver i huset. 20Hvis du forråder os, er vi løst fra vores løfte.”

21„Det er i orden,” svarede hun. Derpå firede hun dem ned, og de forsvandt i mørket, mens hun bandt den røde snor fast i vinduet.

22Spionerne flygtede nu op i bjergene, hvor de blev i tre dage, mens deres forfølgere søgte efter dem overalt og siden vendte tilbage til byen med uforrettet sag. 23Derefter gik de ned fra bjergene, vadede over Jordanfloden og fortalte Josva, hvordan det var gået. 24„Herren har givet os hele landet,” sagde de. „Befolkningen er så bange for os, at de ryster af skræk.”