Yosua 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 11:1-23

Israelfoɔ Di Amantifi Ahemfo So

1Ɛberɛ a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wɔdidi so yi nkra dendeenden: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; 2ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bɔnhwa a ɛda Galilea anafoɔ fam; ahemfo a wɔwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔeɛ fam; 3Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so. 4Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn akodɔm no nyinaa, apɔnkɔ dodoɔ ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano anwea. 5Wɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ asuo a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.

6Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.”

7Na Yosua ne nʼakodɔm kɔɔ Merom asuo no ho kɔto hyɛɛ wɔn so mpofirim. 8Na Awurade ma wɔdii wɔn atamfoɔ no so nkonim. Israelfoɔ no taa wɔn ara kɔsii Sidon Kɛseɛ ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bɔnhwa no mu wɔ apueeɛ fam, kɔsii sɛ atamfoɔ no akofoɔ baako mpo anka. 9Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no nan, sane hyee nteaseɛnam no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.

10Yosua sane nʼakyi bɛgyee Hasor kuro no faeɛ, kumm ɛhɔ ɔhene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) 11Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya.

12Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor. 14Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa. 15Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.

16Enti, Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔ ɔman, Negeb, Gosen asase, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, Israel mmepɔ ne nsase tata faeɛ. 17Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ deɛ ɛfiri Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir wɔ atifi fam toaso kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔ Hermon ase wɔ Lebanon bɔnhwa mu. Yosua kunkumm nsase no so ahemfo nyinaa, 18wɔ mmerɛ tenten akokoakoko mu. 19Kuro biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam gye sɛ Hewifoɔ a wɔte Gibeon no. Wɔdii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. 20Awurade pirim wɔn akoma ma wɔko tiaa Israelfoɔ wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔborɔ biara nni mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

21Saa ɛberɛ no mu, Yosua tɔree Anak asefoɔ a na wɔte bepɔ nkuro Hebron, Debir, Anab ne bepɔman Yuda ne Israel nyinaa ase. Ɔkumm wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkuro no pasaa. 22Wɔn mu fua koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.

23Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.