Yohane 20 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 20:1-31

Yesu Owusɔreɛ

1Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano. 2Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!”

3Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so. 4Nanso, saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho kɔduruu hɔ kane. 5Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, 7a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. 9Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. 10Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene

11Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ wɔ faako a na Yesu amu no da no.

13Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?”

Maria de awerɛhoɔ buaa sɛ, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto.” 14Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno.

15Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?”

Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”

16Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!”

Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”).

17Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.”

18Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafoɔ

19Saa ɛda no ara anwummerɛ a na ɛsiane Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, asuafoɔ no ato wɔn ho ɛpono mu no, Yesu baa ɛdan no mu hɔ kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” 20Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie.

21Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Toma

24Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi. 25Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔahunu Awurade no!”

Wannye anni kaa sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”

26Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” 27Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!”

28Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!”

29Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di.”

30Yesu yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree kyerɛɛ nʼasuafoɔ no a wɔantwerɛ wɔ saa nwoma yi mu. 31Nanso, biribiara a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no, wɔatwerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mogye no di a, mobɛnya nkwa.

Het Boek

Johannes 20:1-31

Jezus leeft weer!

1Op de ochtend van de eerste dag van de week (zondag, de dag na de sabbat), ging Maria van Magdala al heel vroeg naar het graf. Toen zij daar aankwam, zag zij dat de steen voor de ingang was weggerold. 2Zo vlug ze kon, holde zij naar Simon Petrus en de leerling die Jezusʼ beste vriend was. ‘De Here is uit het graf gehaald!’ zei ze. ‘Wij weten niet waar ze Hem hebben neergelegd.’

3Petrus en de andere leerling renden onmiddellijk naar het graf, 4maar de andere leerling liep vlugger dan Petrus en was er het eerst. 5Hij boog zich voorover, keek in het graf en zag alleen de linnen windsels liggen. Maar hij ging niet naar binnen. 6Petrus, die even na hem was gekomen, ging het graf wel binnen. Hij zag de windsels 7en ook de doek waarmee Jezusʼ hoofd bedekt was geweest. Die doek was opgerold en lag apart.

8De andere leerling ging toen ook naar binnen. Door wat hij zag, geloofde hij dat Jezus weer levend was geworden. 9Want zij hadden nog niet begrepen dat Hij volgens de Boeken uit de dood zou terugkomen. 10De twee leerlingen gingen terug naar huis.

Jezus verschijnt aan zijn leerlingen

11Maria van Magdala bleef echter bij het graf achter. Huilend boog zij zich voorover en keek in het graf. 12Op de plaats waar Jezus had gelegen, zag zij twee engelen in witte kleren zitten. Een aan het hoofdeinde en een aan het voeteneinde van de plaats waar Hij gelegen had. 13‘Waarom huilt u?’ vroegen zij haar. ‘Ze hebben mijn Heer weggenomen,’ antwoordde Maria, ‘en ik weet niet waar Hij is.’ 14Zij keek achterom. Daar stond Jezus, maar zij herkende Hem niet. Zij dacht dat het de tuinman was. 15‘Waarom huilt u?’ vroeg Jezus. ‘Wie zoekt u?’ ‘Och, meneer, als u Hem ergens anders hebt neergelegd, zeg het alstublieft. Dan neem ik Hem mee,’ zei zij. 16‘Maria,’ zei Jezus. Zij draaide zich om en zei in het Aramees tegen Hem: ‘Rabboeni!’ Rabboeni betekent meester. 17‘Raak Mij niet aan,’ zei Jezus. ‘Want Ik ben nog niet teruggekeerd naar mijn Vader. Ga naar mijn broeders en vertel hun dat Ik terugga naar mijn Vader, die ook jullie Vader is. Naar mijn God, die ook jullie God is.’ 18Maria ging snel naar Jezusʼ leerlingen. ‘Ik heb de Here gezien!’ zei ze en vertelde hun wat Hij tegen haar gezegd had.

19ʼs Avonds zaten de leerlingen bij elkaar. Zij hadden de deur op slot gedaan, omdat zij bang waren voor de Joden. Ineens was Jezus bij hen. ‘Ik wens jullie vrede,’ zei Hij 20en Hij liet hun zijn handen en zijn zijde zien. De leerlingen waren blij dat ze de Here zagen. 21‘Ik wens jullie vrede,’ zei Jezus weer. ‘Zoals de Vader Mij heeft uitgezonden, zo zend Ik jullie uit.’ 22Toen blies Hij zijn adem over hen heen en zei: ‘Ontvang de Heilige Geest. 23Wie jullie zijn zonden vergeven, is ervan verlost. Maar wie jullie het aanrekenen, moet zijn zonden dragen.’

24Een van de twaalf, Thomas (dat betekent Tweeling) was er niet bij. 25Toen de andere leerlingen hem vertelden dat zij de Here hadden gezien, wilde hij het niet geloven. ‘Ik kan het pas geloven,’ zei hij, ‘als ik de wonden van de spijkers in zijn handen zie en met mijn eigen hand voel dat Hij een wond in zijn zij heeft!’ 26Acht dagen later waren de leerlingen weer bij elkaar. Thomas was er nu ook bij. Zij hadden de deur op slot gedaan. Ineens was Jezus in hun midden. ‘Vrede,’ zei Hij. 27‘Thomas, zie je mijn handen en mijn zij? Voel maar en twijfel niet meer. Geloof dat Ik leef!’ 28‘Mijn Here en mijn God,’ zei Thomas. 29‘Geloof je het nu, omdat je Mij ziet?’ zei Jezus. ‘Gelukkig zijn de mensen die in Mij geloven zonder Mij gezien te hebben.’

30Veel van de wonderen die Jezus voor de ogen van zijn leerlingen heeft gedaan, staan niet in dit boek vermeld. 31Ik heb hier enkele opgeschreven opdat u zult geloven dat Jezus de Christus is, de Zoon van God. Als u in Hem gelooft, leeft u in zijn naam.