Yohane 17 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 17:1-26

Yesu Bɔ Mpaeɛ Ma Nʼasuafoɔ

1Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Agya, ɛberɛ no aduru. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam. 2Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ. 3Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! 4Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ. 5Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.

6“Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn. 8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me. 9Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea. 10Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam. 11Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no. 12Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu.

13“Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa ɛberɛ a meda so wɔ ewiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mʼanigyeɛ bɛhyɛ wɔn ma. 14Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na ewiasefoɔ tanee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔmfiri ewiase sɛdeɛ me nso memfiri ewiase no. 15Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam. 16Sɛdeɛ memfiri ewiase no, saa ara nso na wɔmfiri ewiase. 17Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron. 18Sɛdeɛ wosomaa me baa ewiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ ewiase. 19Wɔn enti, mede me ho ma wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.

20“Memmɔ mpaeɛ mma wɔn nko. Mebɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔnam asuafoɔ asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. 21Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛdeɛ wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ewiase bɛgye adi sɛ, wo na wosomaa me. 22Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no. 23Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no

24“Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahunu mʼanimuonyam, animuonyam a wode maa me no, ɛfiri sɛ, wodɔ me ansa na wobɔɔ ewiase.

25“Agya kronkron, ewiase nnim wo, nanso me deɛ, menim wo; na asuafoɔ yi nim sɛ wo na wosomaa me. 26Mama wɔahunu sɛdeɛ wo te na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso, matena wɔn nso mu bi.”