Yohane 15 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 15:1-27

Yesu Na Ɔyɛ Nokorɛ Bobe No

1“Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no. 2Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree. 3Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada. 4Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.

5“Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye. 7Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo. 8Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.

9“Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu. 10Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no. 11Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mʼanigyeɛ no bi na ama mo anigyeɛ awie pɛyɛ. 12Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. 13Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom. 14Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom. 15Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo. 16Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo. 17Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.

Ewiase Tan Asuafoɔ No

18“Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo. 19Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no. 20Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsene ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo. 21Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 22Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara. 23Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso. 24Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya. 25Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.

26“Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo. 27Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ pɛɛ.”