Yesaia 63 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 63:1-19

Onyankopɔn Aweretɔ Ne Ɔgyeɛ Ɛda No

1Hwan ni yei a ɔfiri Edom reba,

deɛ ɔfiri Bosra a nkekaeɛ kɔkɔɔ wɔ nʼatadeɛ mu yi?

Hwan ne yei a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ yi,

a ɔde nʼahoɔden kɛseɛ retutu taataa yi?

“Ɛyɛ me a mekasa wɔ tenenee mu

deɛ ɔtumi gye nkwa.”

2Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ,

te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi?

3“Me nko ara atiatia nsakyiamena so,

na amanaman no mu obiara anka me ho.

Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu

na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu;

wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu,

maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu.

4Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu

na me gyeɛ afe no aba.

5Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ,

ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me;

enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me,

na mʼabufuo wowaa me.

6Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu;

memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu

na mehwiee wɔn mogya guu fam.”

Ayɛyie Ne Mpaeɛbɔ

7Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm,

ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie,

wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho

aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ

ama Israel fiefoɔ,

wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti.

8Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ,

mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”;

ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.

9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane,

na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn.

Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn;

ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn

mfeɛ a atwam no nyinaa mu.

10Nanso, wɔtee atua

de hoo ne Honhom Kronkron werɛ.

Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ

na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.

11Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no,

Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ,

ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ?

Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no.

Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no

tenaa wɔn mu no wɔ?

12Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi

sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so,

deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim,

de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,

13deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu

sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a

wɔasunti.

14Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no,

saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ.

Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan

de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie.

15Brɛ wʼani ase hwɛ fam

firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so.

Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he?

Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so.

16Nanso wo ara wo ne yɛn Agya

ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn

na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ;

nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya,

ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ.

17Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan

na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni?

Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ,

mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti.

18Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea

nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so.

19Enti yɛyɛ wo dea firi tete

nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene

na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.