Yesaia 49 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 49:1-26

Awurade Somfoɔ No

1Montie me, mo mpoano aman;

monyɛ aso mo akyirikyiri aman

ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me

ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.

2Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam,

Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;

ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam

na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.

3Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ,

Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”

4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu

masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee

nanso mede me ho ato Awurade so

na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”

5Na afei, Awurade akasa:

deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ

na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn

na me mmoaboa Israel ano mma no no.

Awurade ahyɛ me animuonyam

na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

6Ɔka sɛ,

“Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,

na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.

Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,

ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”

7Sei na Awurade seɛ,

Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no

de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,

deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:

“Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre

ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo

ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,

Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

Israel Si Ne Dada Mu

8Sei na Awurade seɛ:

“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,

na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;

mɛkora wo na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfoɔ no,

de agye asase no asi hɔ

akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.

9Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’

ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’

“Wɔbɛdidi wɔ akwan ho.

Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.

10Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;

anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.

Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan

na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.

11Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,

na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.

12Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba

ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam

ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”

13Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;

di ahurisie, Ao asase;

monto nnwom, Ao mmepɔ!

Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,

na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

14Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ,

Awurade werɛ afiri me.”

15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano

a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?

Ebia ne werɛ bɛfiri,

na me werɛ remfiri wo!

16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam

wʼafasuo wɔ mʼani so daa.

17Mo mmammarima resane aba ntɛm so;

na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.

18Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;

mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.

Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ,

“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho

mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.

19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa

maa mo asase daa mpan deɛ,

nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,

na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.

20Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no

bɛka ama moate sɛ,

‘Ɛha sua ma yɛn dodo;

momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’

21Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ,

‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me?

Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;

wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.

Hwan na ɔtetee yeinom?

Wɔgyaa me nko ara

na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”

22Sei na Asafo Awurade seɛ:

“Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,

mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.

Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba

na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.

23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,

na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.

Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;

wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.

Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade;

Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”

24Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;

anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?

25Nanso, sei na Awurade seɛ:

“Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam

na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;

me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya

na mɛgye mo mma nkwa.

26Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;

wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.

Afei adasamma nyinaa bɛhunu

sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,

mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”