Yesaia 38 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 38:1-22

Hesekia Yadeɛ

1Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, 3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ, 5“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho. 6Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

7“ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so: 8Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.

9Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:

10Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu

na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?”

11Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio

Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so.

Merenhunu adasamma bio,

anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio.

12Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam,

te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan.

Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ,

twa me firi asadua so;

awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

13Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,

nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;

awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

14Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ.

Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro.

Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?

Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei.

Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu

me kra ahoyera yi enti.

16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

na me honhom nso anya nkwa wɔ mu.

Wode mʼapɔmuden asane ama me.

Wonam so ama manya nkwa.

17Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti

na mekɔɔ saa ahoyera yi mu.

Wo dɔ enti, wode me sieeɛ

na mankɔ ɔsɛe amena mu;

na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.

18Damena rentumi nkamfo wo;

owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom;

wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no

rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio.

19Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,

sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi;

agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm

kyerɛ wɔn mma.

20Awurade bɛgye me nkwa,

na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom

yɛn nkwa nna nyinaa

Awurade efie.

21Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”

22Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Исаия 38:1-22

Болезнь и исцеление Езекии

(4 Цар. 20:1-11; 2 Лет. 32:24)

1В те дни Езекия заболел и был при смерти. Пророк Исаия, сын Амоца, пришёл к нему и сказал:

– Так говорит Вечный: «Распорядись своим домом, потому что ты умираешь; ты не выздоровеешь».

2Езекия отвернулся лицом к стене и взмолился Вечному:

3– Вспомни, о Вечный, как я верно служил Тебе от всего сердца и делал то, что было угодным в Твоих глазах!

И Езекия горько заплакал.

4Тогда к Исаии было слово Вечного:

5– Иди и скажи Езекии: Так говорит Вечный, Бог твоего предка Довуда: «Я услышал твою молитву и увидел твои слёзы; Я прибавлю к твоей жизни пятнадцать лет. 6Я избавлю тебя и этот город от руки царя Ассирии. Я защищу этот город. 7Вот тебе знамение от Вечного, что Вечный исполнит то, что обещал: 8Я отведу тень, которую заходящее солнце отбрасывает на лестницу Ахаза, на десять ступеней назад».

И солнце вернулось по лестнице Ахаза на те десять ступеней, которые оно прошло.

Молитва Езекии после его выздоровления

9Запись Езекии, царя Иудеи, после его болезни и выздоровления:

10Я сказал: «Неужели в расцвете дней

суждено мне пройти через ворота мира мёртвых,

и остатка лет я лишён?»

11Я сказал: «Я уже не увижу Вечного,

Вечного на земле живых;

не увижу больше людей,

не буду среди обитателей мира.

12Мой дом, как пастуший шатёр,

снят с места и уносится от меня.

Я скатал свою жизнь, как ткач – полотно;

Он отрежет меня от станка.

День и ночь Ты ведёшь меня к смерти!

13Я кричу о помощи до утра,

а Он, словно лев, ломает все кости мои.

День и ночь Ты ведёшь меня к смерти!

14Я кричу, словно ласточка или журавль,

и стенаю, как голубь.

Утомились глаза мои, глядя ввысь.

Я в беде! Помоги мне, Вечный!»

15Но что мне сказать?

Как Он мне говорил, так и сделал.

Буду в смирении проводить все мои годы,

помня скорбь моей души.

16Мой Владыка, этим живут люди,

этим живу и я.

Ты исцелил меня

и позволил мне жить.

17Да, во благо была мне такая мука;

Ты сохранил мою жизнь от гибельной пропасти,

все мои грехи бросил Себе за спину.

18Ведь мир мёртвых не славит Тебя,

смерть не воспоёт Тебе хвалы;

тем, кто спускается в пропасть,

нет надежды на Твою верность.

19Живые, лишь живые Тебя восславят,

как сегодня делаю я;

отцы расскажут детям

о Твоей верности.

20Вечный спасёт меня,

и под звуки струн мы будем петь

во все дни нашей жизни

в храме Вечного!

21Исаия сказал:

– Пусть возьмут пласт инжира, приложат его к нарыву, и царь выздоровеет.

22А Езекия спросил:

– Каково знамение, что я пойду в храм Вечного?