Yesaia 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 3:1-26

Yerusalem Ne Yuda Atemmuo

1Afei hwɛ, Awurade,

Asafo Awurade,

rebɛgyae deɛ ɔde ma

wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:

aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.

2Nnɔmmarima ne akofoɔ,

ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ,

nkɔmhyɛni ne ɔpanin,

3aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ,

ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ.

4“Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ;

na mmɔfra adi wɔn so.”

5Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,

ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko.

Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ,

apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.

6Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu

wɔ nʼagya efie aka sɛ,

“Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ;

wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.”

7Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ,

“Menni deɛ mede bɛyɛ.

Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie;

mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”

8Yerusalem retɔ ntintan,

Yuda rehwe ase;

wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade.

Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.

9Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn;

wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;

wɔmmfa nsie.

Nnome nka wɔn!

Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.

10Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie,

ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba.

11Nnome nka amumuyɛfoɔ!

Amanehunu wɔ wɔn so!

Wɔbɛtua wɔn so ka

wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho.

12Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so,

mmaa di wɔn so.

Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera;

wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.

13Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ.

Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn.

14Awurade bu atɛn

de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ,

“Mo na moasɛe me bobe turo;

apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.

15Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ

na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

16Awurade kasa sɛ,

“Sion mmammaa yɛ ahantan;

wɔnante toto wɔn kɔn,

wɔdeda wɔn ani akyi,

wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa,

na wɔn nan ase nkawa gyegye.

17Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho.

Awurade bɛma wɔn tiri so apa.”

18Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ, 19nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu, 20Wɔn mmɔtire, ananse ntweaban, abɔwomu, nnuhwam ntoa ne nkaberɛ, 21ntimsoɔ mpɛtea ne hwenemu nkawa, 22ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo; 23nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ.

24Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu;

ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu;

tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu;

ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu;

honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.

25Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano,

wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu.

26Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ;

na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu.