Yeremia 7 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 7:1-34

Atorɔ Nyamesom Ho Nni Mfasoɔ

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: 2“Gyina Awurade asɔredan no ɛpono ano, na ka saa asɛm yi:

“ ‘Montie Awurade asɛm, mo nnipa a mo wɔ Yuda nyinaa a mofa apono yi ano kɔsom Awurade. 3Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: Monsesa mo akwan ne mo nneyɛɛ, na mɛma mo atena ha. 4Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka sɛ, “Yei ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” 5Sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛɛ nokorɛm, na mone mo ho mo ho di no tenenee mu, 6sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa anaa okunafoɔ so, na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforɔ akyi ankɔ mo ara ɔsɛeɛ mu a, 7ɛnneɛ mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no. 8Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a ɛho nni mfasoɔ so.

9“ ‘Mobɛbɔ korɔno na moadi awu, mobɛbɔ adwaman na moadi adansekurumu, mobɛhye nnuhwam ama Baal na moadi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi, 10na afei, moaba abɛgyina mʼanim wɔ efie a medin da so na moaka sɛ, “Yɛnni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa a na monni ɔhaw anaa? 11Na efie a medin da soɔ yi, abɛyɛ adwotwafoɔ tu ama mo anaa? Nanso megu so rehyɛ! Awurade na ɔseɛ.

12“ ‘Na afei monkɔ Silo, beaeɛ bi a, medii ɛkan bɔɔ atenaeɛ de me Din too so, na monhwɛ deɛ meyɛɛ no ɛsiane me nkurɔfoɔ Israelfoɔ amumuyɛ enti. 13Ɛberɛ a moreyɛ yeinom nyinaa, Awurade na ɔseɛ, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. 14Ɛno enti, sɛdeɛ meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ efie a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, beaeɛ a mede maa mo ne mo agyanom. 15Mɛpam mo afiri mʼanim sɛdeɛ meyɛɛ mo nuanom Efraimfoɔ no.’

16“Enti mommmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, monnsrɛ na monni mma wɔn nso; monnsrɛ me ɛfiri sɛ merentie mo. 17Monhunu deɛ wɔreyɛ wɔ Yuda nkuro no mu ne Yerusalem mmɔntene so anaa? 18Mmɔfra boaboa anyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmaa fɔtɔ asikyiresiam de to burodo ma Ɔsoro Hemmaa. Na wɔgu nsã ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo. 19Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuo anaa? Awurade na ɔseɛ. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔreha wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwuo anaa?

20“Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Wɔbɛhwie mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ agu beaeɛ yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuo so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛre a ɛrennum.

21“ ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monkɔ so, momfa mo ɔhyeɛ afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe ɛnam no! 22Na ɛberɛ a meyii mo agyanom firii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, 23mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ ɔsetie mma me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ. Monnante akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yie. 24Nanso, wɔantie na wɔannyɛ aso; mmom, wɔfiri wɔn akoma bɔne mu yɛɛ asobrakyeɛ. Wɔsane wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. 25Ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom firii Misraim de bɛsi ɛnnɛ yi, da biara da ne ɛberɛ biara mesomaa me nkoa adiyifoɔ baa mo nkyɛn. 26Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom deɛ so.’

27“Sɛ moka yeinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. 28Ɛno enti monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne ɔman a ɔnyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade, ne Onyankopɔn, na ɔmfaa ntenesoɔ. Nokorɛ asa, na afiri wɔn ano. 29Monyi mo tirinwi na monto ngu, montwa agyaadwoɔ wɔ nkokoɔ no so, ɛfiri sɛ Awurade apo, na wagyae saa awoɔ ntoatoasoɔ yi a wɔwɔ na abufuhyeɛ no ase akyi di.

Okum Bɔnhwa No

30“ ‘Yudafoɔ ayɛ bɔne mʼani so, sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwadeɛ asisi efie a me Din da so de agu ho fi. 31Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu ɛhɔ na wɔhye wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. Adeɛ a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso. 32Ɛno enti, monhwɛ yie na nna no reba, Awurade na ɔseɛ, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bɔnhwa, ɛfiri sɛ wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma. 33Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn. 34Mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne a ɛwɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so, bɛba awieeɛ ɛfiri sɛ asase no bɛda mpan.’ ”