Yeremia 5 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 5:1-31

Obiara Nyɛ Ɔteneneeni

1“Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so,

monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,

monhwehwɛ adwaberem nyinaa.

Sɛ mohunu onipa baako mpo a

ɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a,

mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.

2Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’

nanso wɔda so ka ntam hunu.”

3Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti

wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara;

wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ.

Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ

na wɔpoo ahunu.

4Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no;

wɔyɛ nkwaseafoɔ nso,

ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan,

deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.

5Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn

akɔkasa akyerɛ wɔn;

ampa ara wɔnim Awurade akwan

deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”

Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no

atete nkyehoma no mu.

6Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so,

pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu.

Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro

na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete,

ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den

na wɔn akyirisane aboro so.

7“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?

Mo mma apo me

wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.

Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa,

nanso, wɔbɔɔ adwamam

na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.

8Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie,

wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”

Sei na Awurade seɛ.

“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sei so were anaa?

10“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,

nanso monnsɛe no koraa.

Mompempan ne mman no,

ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.

11Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ

anni me nokorɛ koraa,”

Awurade na ɔseɛ.

12Wɔadi atorɔ afa Awurade ho,

wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee!

Ɔhaw biara remma yɛn so;

yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da.

13Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ

na asɛm no nte wɔn mu;

enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”

14Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:

“Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti,

mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya

na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.

15Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,

“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,

tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,

nnipa a monnim wɔn kasa,

na monnte wɔn kasa ase.

16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ;

wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.

17Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,

asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;

wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,

asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.

Wɔde akofena bɛsɛe

nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.

18“Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora. 19Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’

20“Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ

na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ:

21Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,

mowɔ ani nso monhunu adeɛ,

na mowɔ aso nso monte asɛm:

22Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.

“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?

Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,

ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.

Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;

ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.

23Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma;

wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.

24Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ,

‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn,

a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu,

deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’

25Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;

mo bɔne ama adepa abɔ mo.

26“Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu

a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie,

na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa.

27Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no

saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma;

wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.

28Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra.

Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ;

wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem,

na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban.

29Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?”

Sei na Awurade seɛ.

“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sei so were anaa?

30“Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirie

asi wɔ asase no so:

31Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ,

asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi,

na me nkurɔfoɔ no pɛ no saa ara.

Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?”