Yeremia 47 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 47:1-7

Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho

1Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:

2Sei na Awurade seɛ:

“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;

ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,

nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.

Nnipa no bɛteateam;

wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo

3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,

na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye

ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.

Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;

wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4Na ɛda no aba

sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa

na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,

wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.

Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,

nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.

5Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;

wɔbɛma Askelon atɔre mum.

Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,

mobɛsu akɔsi da bɛn?

6“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,

da bɛn na wobɛhome?

Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;

gyae na da dinn.’

7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn

ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ

ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”