Yeremia 40 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 40:1-16

Wɔgyaee Yeremia

1Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no gyaee Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ɔhunuu sɛ, wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommumfoɔ a wɔfiri Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. 2Brɛ a ɔsahene a ɔtua awɛmfoɔ no ano no hunuu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beaeɛ yi. 3Na afei, Awurade ama aba mu. Wayɛ sɛdeɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no. Yeinom nyinaa baa mu, ɛfiri sɛ, mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ ɔsetie amma no. 4Nanso, ɛnnɛ mereyi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ deɛ a ɛmma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.” 5Na ansa na Yeremia bɛdane ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho sɛ, “Sane kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nana, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkuro so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforɔ biara a wopɛ.”

Na ɔsahene no maa Yeremia aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ. 6Enti, Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu.

Wɔkum Gedalia

7Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wiram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmammarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ɔfiri Netofa mmammarima, Yesania a, ɔyɛ Maakani babarima ne wɔn mmarima. 9Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie. 10Me deɛ, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafoɔ a wɔbɛba abɛhyia yɛn no mu, na mo deɛ, monkɔ boaboa nsã, ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twaberɛ mu, na montenatena nkuro a moafa no so.” 11Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahodoɔ a aka no, tee sɛ Babiloniahene agya nkaeɛfoɔ bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana sɛ amrado wɔ wɔn so no, 12wɔn nyinaa sane baa Yuda asase so firi aman a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsã ne ahuhuro nnuaba bebree ano wɔ twaberɛ mu.

13Na Karea babarima Yohanan ne akodɔm ntuanofoɔ a wɔda so wɔ wiram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa 14na wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael sɛ, ɔmmɛkum wo anaa?” Nanso, Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.

15Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kɔkoam wɔ Mispa sɛ, “Ma menkɔkum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkum wo na ɔma Yudafoɔ a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ hwete, na Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no yera?”

16Nanso, Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan sɛ, “Ɛnyɛ saa adeɛ yi! Deɛ woka fa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.”

New International Reader’s Version

Jeremiah 40:1-16

Jeremiah Is Set Free From His Chains

1A message from the Lord came to Jeremiah. It came after Nebuzaradan, the commander of the royal guard, had set him free at Ramah. Jeremiah was being held by chains when Nebuzaradan found him. Jeremiah was among all the prisoners from Jerusalem and Judah. They were being taken to Babylon. 2But the commander of the guard found Jeremiah. The commander said to him, “The Lord your God ordered that this place be destroyed. 3And now he has brought it about. He has done exactly what he said he would do. All these things have happened because you people sinned against the Lord. You didn’t obey him. 4But today I’m setting you free from the chains on your wrists. Come with me to Babylon if you want to. I’ll take good care of you there. But if you don’t want to come, then don’t. The whole country lies in front of you. Go anywhere you want to.” 5But before Jeremiah turned to go, Nebuzaradan continued, “Go back to Gedaliah, the son of Ahikam. The king of Babylon has appointed Gedaliah to be over the towns of Judah. Go and live with him among your people. Or go anywhere else you want to.” Ahikam was the son of Shaphan.

The commander gave Jeremiah food and water. He also gave him a gift. Then he let Jeremiah go. 6So Jeremiah went to Mizpah to see Gedaliah, the son of Ahikam. Jeremiah stayed with him. Jeremiah lived among the people who were left behind in the land.

Gedaliah Is Murdered

7Some of Judah’s army officers and their men were still in the open country. They heard that the king of Babylon had appointed Gedaliah as governor over Judah. Gedaliah was the son of Ahikam. The king had put Gedaliah in charge of the men, women and children who were still there. They were the poorest people in the land. They hadn’t been taken to Babylon. 8When the army officers and their men heard these things, they came to Gedaliah at Mizpah. Ishmael, the son of Nethaniah, came. So did Johanan and Jonathan, the sons of Kareah. Seraiah, the son of Tanhumeth, also came. The sons of Ephai from Netophah came too. And so did Jaazaniah, the son of the Maakathite. All their men came with them. 9Gedaliah, the son of Ahikam, the son of Shaphan, made a promise. He made the promise to give hope to all these men. He spoke in a kind way to them. He said, “Don’t be afraid to serve the Babylonians. Make your homes in the land of Judah. Serve the king of Babylon. Then things will go well with you. 10I myself will stay at Mizpah. I’ll speak for you to the officials of Babylon who come to us. But you must harvest the wine, summer fruit and olive oil. Put them in your jars. Store them up. And live in the towns you have taken over.”

11All the Jews in Moab, Ammon and Edom heard what had happened. So did the Jews in all the other countries. They heard that the king of Babylon had left some people behind in Judah. They also heard that he had appointed Gedaliah, the son of Ahikam, as governor over them. Ahikam was the son of Shaphan. 12When they heard these things, all of them came back to the land of Judah. They went to Gedaliah at Mizpah. They came from all the countries where they had been scattered. And they harvested a large amount of wine and summer fruit.

13Johanan and all the other army officers still in the open country came to Gedaliah at Mizpah. Johanan was the son of Kareah. 14The officers spoke to Gedaliah. They said, “Don’t you know that Baalis has sent someone to take your life? Baalis is the king of Ammon. He has sent Ishmael, the son of Nethaniah.” But Gedaliah, the son of Ahikam, didn’t believe them.

15Then Johanan, the son of Kareah, spoke in private to Gedaliah in Mizpah. He said, “Let me go and kill Ishmael, the son of Nethaniah. No one will know about it. Why should he take your life? Why should he cause all the Jews gathered around you to be scattered? Why should he cause the people who remain in Judah to die?”

16But Gedaliah, the son of Ahikam, spoke to Johanan, the son of Kareah. He said, “Don’t do an awful thing like that! What you are saying about Ishmael isn’t true.”