Yeremia 39 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 39:1-18

1Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. 2Sedekia adedie afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so ɛnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbubuu kuropɔn no afasuo. 3Na Babiloniahene adwumayɛfoɔ no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Ɛpono hɔ: Nergal-Sareser a ɔfiri Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire, ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a aka no nyinaa. 4Ɛberɛ a Yudahene Sedekia ne nʼasraafoɔ nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwaneeɛ, wɔfaa ɔhene turo mu firii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɛpono a ɛwɔ afasuo mmienu no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.

5Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso. 7Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.

8Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no. 9Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia. 10Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.

11Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ, 12“Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.” 13Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa 14soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.

15Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn sɛ, 16“Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek sɛ, ‘Sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me nsɛm a ɛtia kuropɔn yi no mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiedie so ama aba mu. Saa ɛberɛ no ɛbɛba mu wɔ wʼanim. 17Nanso mɛgye wo saa ɛda no, Awurade na ɔseɛ; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wosuro wɔn no nsa. 18Mɛgye wo nkwa, na worentɔ wɔ akofena ano na mmom wobɛnya wo tiri adidi mu, ɛfiri sɛ wogye me di, Awurade, na ɔseɛ.’ ”