Yeremia 33 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 33:1-26

Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ

1Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛeɛ ma ɛtimiiɛ, Awurade ne ne din: 3‘Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim. 4Na sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka: Moabubu afie a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfie ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mmubuiɛ de agyina afasuo no atia mo atamfoɔ ntuano epie ne akofena. 5Moayɛ mo adwen sɛ mo ne Babiloniafoɔ bɛko, nanso mede mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ bɛkunkum mo, na mo afunu bɛyɛ hɔ ma. Mɛyi mʼani afiri saa kuropɔn yi so ɛsiane nʼamumuyɛ nyinaa enti.

6“ ‘Nanso, mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfoɔ yadeɛ na mama wɔn anya asomdwoeɛ ne banbɔ a ɛdɔɔso. 7Mɛsane de Yuda ne Israel afiri nnommumfa mu aba na masane agye wɔn asi hɔ sɛ dea na wɔte dada no. 8Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuateɛ ho bɔne nso akyɛ wɔn. 9Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’

10“Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Woka fa saa beaeɛ yi ho sɛ, “Ada mpan, a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso, Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, ɛhɔ na wɔbɛsane ate bio 11ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ,

“ ‘Momfa aseda mma Asafo Awurade,

ɛfiri sɛ Awurade yɛ,

na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ”

Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ.

12“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni mu no; ne nkuro nyinaa so no wɔbɛnya adidibea ama nnwanhwɛfoɔ deɛ wɔn nnwankuo bɛhome. 13Nkuro a ɛwɔ bepɔ so ɔman mu, atɔeɛ fam mmepɔ ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkuro mu, nnwankuo bɛtwam bio wɔ deɛ ɔkane wɔn nsa ase.’ Awurade, na aka.

14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ɔseɛ, a mɛma adom bɔhyɛ a mehyɛɛ Israel efie ne Yudafie aba mu.

15“ ‘Nna no mu ne saa ɛberɛ no

mɛma tenenee Duban afefɛ afiri Dawid ase;

ɔbɛyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase no so.

16Saa nna no mu, wɔbɛgye Yuda nkwa

na Yerusalem bɛtena asomdwoeɛ mu.

Yei ne din a wɔde bɛfrɛ no

Awurade, Yɛn Tenenee.’

17Na yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel efie ahennwa so no remmɔ Dawid da, 18saa ara nso na asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no, ɔbarima a ɔbɛgyina mʼanim daa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ na ɔde afɔdeɛ ahodoɔ abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ”

19Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 20“Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛtumi abu me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam so, na adekyeɛ ne adesaeɛ amma wɔn ɛberɛ a wɔahyehyɛ no a, 21ɛnneɛ na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wobɛtumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahennwa so adi ɔhene bio. 22Mɛma mʼakoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔre te sɛ ɔsoro nsoromma a wɔntumi nkane ne mpoano anwea a wɔntumi nsusuo.’ ”

23Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 24“Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘Awurade apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. 25Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Sɛ mantintim me ne adekyeɛ ne adesaeɛ apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, 26ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefoɔ, na merennyi ne mmammarima mu baako sɛ ɔnni Abraham, Isak ne Yakob asefoɔ so. Na mede wɔn ahonyadeɛ bɛsane ama wɔn, na manya ayamhyehyeɛ ama wɔn.’ ”