Tito 2 – ASCB & NSP

Asante Twi Contemporary Bible

Tito 2:1-15

Nkyerɛkyerɛ Pa

1Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa a wagye ato mu. 2Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.

3Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuro na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, 4sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, 5ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

6Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ. 7Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. 8Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

9Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano 10anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.

11Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. 12Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ ewiase ha. 13Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no. 14Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.

15Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.

New Serbian Translation

Титу 2:1-15

Живот у складу са учењем

1А ти говори оно што је у складу са здравим учењем: 2да старци буду трезвени, честити, разумни, здрави у вери, љубави, и стрпљивости.

3Старице такође нека се понашају како то приличи посвећеним женама: да не оговарају, да се не одају многом вину, него да поучавају што је добро. 4Онда нека саветују младе жене како да воле своје мужеве и своју децу, 5да буду разумне, чисте, добре домаћице, покорне својим мужевима, да се реч Божија не би ружила.

6Такође опомињи и младиће да буду разумни. 7У свему се покажи примером чинећи добра дела, буди искрен и озбиљан у учењу које излажеш. 8Нека твоје речи буду здраве и без приговора, да се противник застиди немајући шта лоше да каже о нама.

9Робови да се у свему покоравају својим господарима, да им угађају, да им не противрече 10и не поткрадају их, него да се у свему покажу оданима и добрима, тако да у свему красе учење Спаситеља, нашег Бога.

11Јер Бог је открио своју милост ради спасења свих људи. 12Она нас одгаја да одбацимо безбожност и световне жеље, те да живимо разумно, праведно и побожно у овом свету, 13очекујући блажену наду и славно појављивање нашега великога Бога и Спаситеља Исуса Христа. 14Он је дао себе за нас да нас откупи од сваког безакоња и да за себе очисти изабрани народ који предано чини добро.

15Ово говори и напомињи, користећи пуно право да кориш. Нико нека те не презире.