Sakaria 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 4:1-14

Sikakɔkɔɔ Kanea Dua Ne Ngo Nnua Mmienu No

1Afei, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sanee nʼakyi bɛnyanee me, sɛdeɛ wɔnyane obi firi ne nna mu no. 2Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”

Mebuaa sɛ, “Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara wɔ ne dorobɛn sisi so. 3Bio, ngo nnua mmienu sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, ɛna baako nso wɔ ne benkum so.” 4Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn, me wura?”

5Ɔbuaa sɛ, “Wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”

Mekaa sɛ, “Dabi, me wura.”

6Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

7“Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

8Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9“Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

10“Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye.

“(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”

11Na mebisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no yɛ ɛdeɛn?”

12Na mebisaa no bio sɛ, “Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani yɛ akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no yɛ ɛdeɛn?”

13Ɔbuaa sɛ, “Enti wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”

Mebuaa sɛ, “Dabi, me wura.”

14Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.”