Sakaria 3 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 3:1-10

Ɔsɔfopanin Ntadeɛ A Ani Te

1Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua3.1 Yosua: Onipa korɔ yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nwoma mu. Ɛha no, edin no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoɔman Israel (3.8-9). a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ. 2Na Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?”

3Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. 4Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.”

Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”

5Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.

6Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: 7“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.

8“ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba. 9Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.

10“ ‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.”

New International Version

Zechariah 3:1-10

Clean Garments for the High Priest

1Then he showed me Joshua the high priest standing before the angel of the Lord, and Satan3:1 Hebrew satan means adversary. standing at his right side to accuse him. 2The Lord said to Satan, “The Lord rebuke you, Satan! The Lord, who has chosen Jerusalem, rebuke you! Is not this man a burning stick snatched from the fire?”

3Now Joshua was dressed in filthy clothes as he stood before the angel. 4The angel said to those who were standing before him, “Take off his filthy clothes.”

Then he said to Joshua, “See, I have taken away your sin, and I will put fine garments on you.”

5Then I said, “Put a clean turban on his head.” So they put a clean turban on his head and clothed him, while the angel of the Lord stood by.

6The angel of the Lord gave this charge to Joshua: 7“This is what the Lord Almighty says: ‘If you will walk in obedience to me and keep my requirements, then you will govern my house and have charge of my courts, and I will give you a place among these standing here.

8“ ‘Listen, High Priest Joshua, you and your associates seated before you, who are men symbolic of things to come: I am going to bring my servant, the Branch. 9See, the stone I have set in front of Joshua! There are seven eyes3:9 Or facets on that one stone, and I will engrave an inscription on it,’ says the Lord Almighty, ‘and I will remove the sin of this land in a single day.

10“ ‘In that day each of you will invite your neighbor to sit under your vine and fig tree,’ declares the Lord Almighty.”