Sakaria 14 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 14:1-21

Onyankopɔn Bɛba Abɛdi Ɔhene

1Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu.

2Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu.

3Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no. 4Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam. 5Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel.14.5 Asal—Ɛyɛ kuro bi a ɛda Yerusalem apueeɛ fam a ɛno na ɛkyerɛ baabi a bɔnhwa foforɔ no ano si. Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho.

6Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. 7Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ.

8Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo14.8 ɛno ne Nkyene Po mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo14.8 ɛno ne Ntam Po mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.

9Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.

10Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho. 11Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ.

12Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu. 13Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako. 14Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyadeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne aduradeɛ bebree. 15Saa ɔyaredɔm korɔ yi ara bɛka apɔnkɔ, mfunumpɔnkɔ, nyoma, mfunumu ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfoɔ nsraban mu nyinaa.

16Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. 17Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osuo rentɔ mma wɔn. 18Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. 19Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.

20Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA Awurade14.20 KRONKRON MA Awurade: Yei yɛ nsɛm a wɔatwa agu sikakɔkɔɔ apaawa so de abɔ ɔsɔfopanin no abotire anim (2 Mose 28.36-38) a ɛde kae no sɛ wɔayɛ no kronkron ama Awurade adwumayɛ. wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ Awurade fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim. 21Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio.