Rut 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Rut 3:1-18

Rut Wɔ Ayuporobea

1Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara. 2Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ. 3Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie. 4Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”

5Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” 6Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so.

7Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ. 8Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase.

9Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?”

Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ3.9 Trɛ a obi trɛ nʼatadeɛ ano de gu ɔbaa so no kyerɛ awadeɛ ho banbɔ. wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.”

10Na Boas kaa sɛ, “Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni. 12Nanso, akwansideɛ baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me. 13Tena ha anadwo yi na sɛ adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye.”

14Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.”

15Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu.

16Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?”

Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no kyerɛɛ Naomi, 17na ɔtoaa so sɛ, “Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ”

18Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.”