Romafoɔ 7 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 7:1-25

Wɔde Awadeɛ Yɛ Mfatoho

1Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so. 2Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3Ɛno enti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.

4Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn. 5Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo. 6Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.

Yɛne Bɔne Di Apereapereɛ

7Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ. 8Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. 9Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. 10Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ. 11Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me. 12Nanso mmara no yɛ kronkron; na mmaransɛm no nso yɛ kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso.

13Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu sɛ bɔne yɛ adeɛ a ɛyɛ hu.

14Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi. 16Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ. 17Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ. 19Papa mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. 22Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. 24Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? 25Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.

Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.

Knijga O Kristu

Rimljanima 7:1-25

Slobodni od Zakona

1Ne znate li, braćo—govorim poznavateljima Zakona—da je čovjek podložan zakonskim odredbama samo za života? 2Da pojasnim: udanu ženu Zakon veže za muža dok je on živ. Ali ako on umre, zakon o braku više se na nju ne odnosi. 3Kad bi se udala za drugoga za muževa života, počinila bi preljub. Ali ako joj muž umre, taj ju zakon više ne obvezuje i ne čini preljub ako se uda.

4Tako ni vas, draga braćo, Zakon više ne obvezuje jer ste umrli njegovoj vlasti kad ste s Kristom umrli na križu. Sada ste ujedinjeni s njim koji je uskrsnuo od mrtvih. Zato možete roditi dobrim rodom, to jest dobrim djelima za Boga. 5Dok je nama još vladala naša stara narav, Zakon je u nama budio grešne želje koje su rodile zlim djelima i donosile smrt. 6Ali sada smo oslobođeni Zakona jer smo umrli s Kristom i nismo više pod zakonskom stegom. Sada zaista možemo služiti Bogu—ne više na stari način, držeći se slova Zakona, nego na novi način—po Duhu.

Borba s grijehom

7Znači li to da je Zakon grešan? Nipošto! Nije grešan, nego me je upozorio na moj grijeh. Nikada ne bih spoznao da je požuda zlo da Zakon nije rekao: “Ne poželi!” 8Ali grijeh je iskoristio priliku zbog Zakona i pobudio u meni svakovrsne zabranjene želje. A bez Zakona grijeh ne bi imao takvu moć.

9Nekoć nisam razumio što Zakon zahtijeva. Ali kad sam spoznao istinu, grijeh oživje 10i znao sam da sam bio grešnik osuđen na smrt. Tako me je dobar Zakon, koji mi je trebao pokazati put života, umjesto toga osudio na smrt. 11Grijeh je iskoristio Zakon da me prevari; poslužio se dobrim Zakonom da me učini osuđenikom na smrt. 12Pa ipak, Zakon je svet, pravedan i dobar.

13Kako je to moguće? Zar me je dobri Zakon natjerao u smrt? Nipošto! Grijeh je iskoristio to što je dobro da na mene navuče smrtnu osudu. Grijeh je dakle najveće zlo: koristi dobre Božje zapovijedi u zle svrhe.

Borba protiv grijeha

14Zakon je dakle dobar, duhovan. Problem nije u Zakonu, nego u meni jer robujem tjelesnim željama—prodan sam grijehu kao gospodaru. 15Ne mogu sebe razumjeti: zaista želim činiti dobro, ali ne činim ga. Umjesto toga činim baš ono što mrzim. 16A to što jako dobro znam da je ono što činim loše, samo pokazuje kako priznajem da je Zakon dobar. 17Ali ne mogu sebi pomoći jer me grijeh u meni tjera da činim zlo.

18Znam da nema dobra u meni, to jest u mojoj grešnoj ljudskoj naravi. Sposoban sam htjeti dobro, ali ne i činiti ga. 19Dobro koje bih htio činiti ne činim, a zlo koje ne bih htio činiti ipak činim. 20Ali ako činim ono što ne želim, onda to zapravo i ne činim ja, nego grijeh koji je u meni.

21Zaključujem dakle da vrijedi pravilo: kad želim činiti dobro, nameće mi se zlo. 22Svim svojim nutarnjim bićem uživam u poslušnosti Božjemu Zakonu. 23Ali još jedan zakon, koji se bori protiv mojega uma, djeluje u mojim udovima i zarobljuje me grijehom koji je još u njima. 24Bijedna li mene! Tko će me osloboditi od ovoga smrtonosnog tijela, od života u vlasti grijeha?

25Hvala Bogu! To čini Isus Krist, naš Gospodin. Umom dakle želim služiti Božjemu Zakonu, ali zbog grešne naravi svojega tijela robujem zakonu grijeha.